Genesis 27:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Ɛsiane sɛ Esau papa hyiraa Yakob nti,+ Esau bɛtanee ne nua no, na ɔkaa no n’akomam sɛ:+ “Berɛ a wɔde bɛgyam me papa abɛn.+ Ɛno akyi no mɛku me nua Yakob.”+ Leviticus 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. Mmebusɛm 19:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Onipa nhunumu twentwɛn n’abufuo ase,+ na ɛyɛ animuonyam ma no sɛ ɔbɛbu n’ani agu bɔne soɔ.+ Mmebusɛm 28:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Nnebɔneyɛfoɔ dwane berɛ a obiara mpamo wɔn,+ na ateneneefoɔ deɛ, wɔte sɛ gyataforɔ a ɔwɔ akokoɔduro.+
41 Ɛsiane sɛ Esau papa hyiraa Yakob nti,+ Esau bɛtanee ne nua no, na ɔkaa no n’akomam sɛ:+ “Berɛ a wɔde bɛgyam me papa abɛn.+ Ɛno akyi no mɛku me nua Yakob.”+
28 Nnebɔneyɛfoɔ dwane berɛ a obiara mpamo wɔn,+ na ateneneefoɔ deɛ, wɔte sɛ gyataforɔ a ɔwɔ akokoɔduro.+