Genesis 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 nanso Kain ne n’afɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuu+ dendeenden na ɔkunkum n’anim. Genesis 37:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei ne nuanom no ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.+ Amos 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+ 1 Yohane 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam esum mu,+ na ɔnnim baabi a ɔrekɔ+ ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.
11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+
11 Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam esum mu,+ na ɔnnim baabi a ɔrekɔ+ ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.