Amos
1 Anisoadeɛ a Amos a ɔka Tekoa+ nnwanhwɛfoɔ ho no hunu faa Israel+ ho nie. Yei sii Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas+ ba no berɛ so, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ+ no reba. 2 Na ɔkaa sɛ:
“Yehowa firi Sion bɛbobom+ na wafiri Yerusalem ama ne nne so;+ na awerɛhoɔ bɛsi nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea na Karmel atifi awo wesee.”+
3 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘“Damasko+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛ adeɛ aporo Gilead.+ 4 Na mede gya+ bɛto Hasael+ fie mu na ahye Ben-Hadad+ aban akɛseɛ no. 5 Mɛbubu Damasko+ adaban no, na mɛtwa deɛ ɔte Bikat-Awen no afiri hɔ na mayi deɛ ɔkura ahempoma no afiri Bet-Eden; na Siriafoɔ bɛkɔ akɔyɛ nkoa wɔ Kir,”+ Yehowa na aka.’
6 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘“Gasa+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔfaa nnipadɔm nnommum+ de wɔn kɔmaa Edom.+ 7 Na mede gya bɛto Gasa+ fasuo mu na ahye n’aban akɛseɛ no. 8 Na mɛtwa deɛ ɔte Asdod+ no afiri hɔ na mayi deɛ ɔkura ahempoma no afiri Askelon;+ na mɛdane me nsa+ aba Ekron so,+ na Filistifoɔ a aka bɛyera,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa na aka.’
9 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Tiro+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ wɔfaa nnipadɔm nnommum de wɔn kɔmaa Edom, na wɔankae anuanom ntam apam no.+ 10 Na mede gya bɛto Tiro fasuo mu na ahye n’aban akɛseɛ no.’+
11 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Edom+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan, ɛfiri sɛ ɔde nkrantɛ tĩĩ ne nua,+ na ɔsɛee ne mmɔborɔhunu,+ na n’abufuo tetee ne hanam mu daa, na n’abufuhyeɛ dɛree berɛ nyinaa.+ 12 Na mede gya bɛto Teman+ mu na ahye Bosra+ aban akɛseɛ no.’
13 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘“Ammon+ bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, merentwe nsan,+ ɛfiri sɛ wɔpaepaee Gilead mmaa a wɔnyem mu de trɛɛ wɔn ahyeɛ mu.+ 14 Na mede gya bɛto Raba+ fasuo mu na ahye n’aban akɛseɛ no, ɛko da mu nteateamu mu, ne ahum da mu gyampantrudu mu.+ 15 Na wɔn hene ne ne mpanimfoɔ nyinaa bɛkɔ nkoasom mu,”+ Yehowa na aka.’