17 Enti wɔbaa Yuda bɛbɔ wuraa kuro no mu, na wɔfom ɔhene no fie hɔ nneɛma a wɔhunuiɛ nyinaa,+ na wɔfaa ne mma ne ne yerenom+ nso kɔeɛ, na wɔannya ɔbabarima biara amma no sɛ ne ba kumaa Yehoahas+ nko ara.
18 Filistifoɔ+ nso bɛto hyɛɛ Sefela+ ne Negeb+ nkuro a ɛwɔ Yuda no so, na wɔfaa Bet-Semes+ ne Ayalon+ ne Gederot+ ne Soko+ ne ɛho nkuro, ne Timna+ ne ɛho nkuro, ne Gimso ne ɛho nkuro, na wɔtenatenaa hɔ.