1 Yohane
2 Me mma nkumaa, meretwerɛ mo yeinom na moanyɛ bɔne.+ Nanso sɛ ɛba sɛ obi yɛ bɔne bi a, yɛwɔ ɔboafoɔ+ Agya no nkyɛn, ɔteneneeni Yesu Kristo.+ 2 Ɔno ne yɛn bɔne+ ho mpata+ afɔdeɛ,+ na ɛnyɛ yɛn deɛ nko,+ na mmom wiase nyinaa nso deɛ bi.+ 3 Deɛ ɛma yɛhunu sɛ yɛnim no ne sɛ yɛbɛkɔ so adi n’ahyɛdeɛ so.+ 4 Deɛ ɔka sɛ: “Menim no,”+ nanso ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ+ no yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.+ 5 Na mmom obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no,+ nokorɛm no, saa nipa yi mu na Onyankopɔn dɔ wie pɛyɛ.+ Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako.+ 6 Deɛ ɔka sɛ ɔne no yɛ baako no,+ ɛyɛ n’asɛdeɛ nso sɛ ɔkɔ so nante sɛdeɛ onii no nanteeɛ no.+
7 Adɔfo, deɛ meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom ahyɛdeɛ dada+ a monya firii mfitiaseɛ.+ Ahyɛdeɛ dada yi ne asɛm a moteeɛ no. 8 Bio nso, meretwerɛ mo ahyɛdeɛ foforɔ, a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo nyinaa fam ɛfiri sɛ esum+ retwam na nokorɛ hann+ rehyerɛn dada.
9 Deɛ ɔka sɛ ɔwɔ hann mu nanso ɔtan+ ne nua no wɔ sum mu bɛsi sɛsɛɛ.+ 10 Deɛ ɔdɔ ne nua no te hann mu,+ na suntidua biara nni ne mu.+ 11 Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam esum mu,+ na ɔnnim baabi a ɔrekɔ+ ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.
12 Mma nkumaa, meretwerɛ mo ɛfiri sɛ wɔde mo bɔne afiri mo, ne din nti.+ 13 Agyanom, meretwerɛ mo ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.+ Mmeranteɛ,+ meretwerɛ mo ɛfiri sɛ moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+ Mmɔfra nkumaa,+ meretwerɛ mo ɛfiri sɛ moabɛhunu Agya no.+ 14 Agyanom,+ meretwerɛ mo ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no.+ Mmeranteɛ, meretwerɛ mo ɛfiri sɛ mo ho yɛ den+ na Onyankopɔn asɛm wɔ mo mu,+ na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+
15 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.+ Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ nni ne mu;+ 16 ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ wiase biara+—honam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho+—ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase.+ 17 Afei nso wiase ne n’akɔnnɔ retwam,+ na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ+ no tena hɔ daa.+
18 Mmɔfra nkumaa, dɔn a ɛdi akyire nie,+ na sɛdeɛ moate sɛ deɛ ɔtia Kristo reba no,+ saa na seesei mpo wɔn a wɔtia Kristo bebree aba;+ na yei na ɛma yɛhunu sɛ dɔn a ɛdi akyire no nie. 19 Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ, nanso na wɔnka yɛn ho;+ sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ.+ Nanso wɔfiri kɔeɛ na ada adi pefee sɛ ɛnyɛ obiara na ɔka yɛn ho.+ 20 Na mo deɛ, ɔkronkronni no asra mo;+ na mo nyinaa mowɔ nimdeɛ.+ 21 Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no+ nti na meretwerɛ mo, na mmom nim a monim,+ ne atorɔ biara a ɛmfiri nokorɛ mu+ ntira.
22 Sɛ ɛnyɛ deɛ ɔpo Yesu sɛ ɔno ne Kristo no a,+ hwan bio na ɔyɛ ɔtorofoɔ? Oyi na ɔtia Kristo no,+ deɛ ɔpo Agya no ne Ɔba no.+ 23 Obiara a ɔpo Ɔba no nni Agya no nso.+ Deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din+ no wɔ Agya no nso.+ 24 Mo deɛ, momma deɛ moate firi mfitiaseɛ no ntena mo mu.+ Sɛ deɛ moate firi mfitiaseɛ no tena mo mu a, mo nso mobɛtena Ɔba no mu+ na moatena Agya no mu.+ 25 Bio nso, yei ne adeɛ a ɔno ara de hyɛɛ yɛn bɔ no, daa nkwa.+
26 Deɛ meretwerɛ mo yi fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho.+ 27 Na mo deɛ, ɔsra+ a monya firii ne hɔ no te mo mu, na ɛnhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo;+ mmom sɛdeɛ ɔsra a monya firii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokorɛ+ na ɛnyɛ atorɔ no, sɛdeɛ ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne deɛ ɔsraa mo no nyɛ baako.+ 28 Enti afei, mma nkumaa,+ mo ne no nyɛ baako+ na sɛ wɔda no adi+ a, yɛatumi akasa ahotɔsoɔ mu,+ na wɔanhyɛ yɛn aniwuo na yɛamfiri n’anim berɛ a waba no.+ 29 Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni+ a, mohunu sɛ obiara a ɔyɛ adetenenee no, ɔno na ɔwoo no.+