10 Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no,+ sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne.+ Na yei mpo ansɔ n’ani, na ɔno ara nnye anuanom+ obuo so, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn+ no nso ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi wɔn kwan+ na watu wɔn afiri asafo no mu.+
20 “‘Nanso mewɔ yei tia wo, sɛ wogyegye saa ɔbaa Yesebel+ no so, deɛ ɔfrɛ ne ho odiyifoɔbaa na ɔkyerɛkyerɛ+ me nkoa+ na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ adwaman+ na wɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom no.+