Genesis
49 Akyire yi Yakob frɛɛ ne mma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo sɛdeɛ mo tebea bɛyɛ wɔ akyire nna no mu. 2 Yakob mma, monhyia na montie; montie mo papa Israel.+
3 “Ruben, wone me ba panin,+ m’ahoɔden ne me mmaninyɛ mfitiaseɛ,+ animuonyam ne tumi mu ɔkɛseɛ. 4 Nanso wotuee waa sɛ nsuo, enti wo kɛseyɛ bɛfiri wo nsa,+ ɛfiri sɛ woforoo wo papa mpa.+ Woguu me mpa ho fĩ.+ Ɔforoeɛ!
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.+ Wɔn nkrantɛ di amumuyɔsɛm, akodeɛ a wɔde di awuo.+ 6 Me kra, wo ne wɔn mmmɔ fekuo.+ M’akoma, nkɔfra wɔn asafo mu,+ ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkunkum nnipa,+ na wɔn akokurokosɛm mu na wɔtwitwaa anantwie nantin. 7 Nnome nka wɔn abufuo,+ ɛfiri sɛ ɛdi atirimuɔdensɛm,+ ne wɔn anibereɛ, ɛfiri sɛ ano yɛ hye.+ Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu na mabɔ wɔn ahwete Israel.+
8 “Wo Yuda deɛ,+ wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa bɛsɔ w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkoto w’anim.+ 9 Yuda yɛ gyata ba.+ Me ba, wobɛwe wo hanam asɔre akɔ. Ɔda hɔ twe ne mu sɛ gyata, na hwan na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akɔnyane no?+ 10 Ahempoma remfiri Yuda nsa,+ na tumi poma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ Silo bɛba;+ na ɔno na aman bɛtie no.+ 11 Ɔde n’afunumu asã bobe, na ɔde n’afunumu bereɛ ba asã bobe pa. Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu, ne n’atadeɛ bobe mogya mu.+ 12 Nsã ama n’ani ayɛ kɔɔ, na nufosuo ama ne sẽ ayɛ fitaa.
13 “Sebulon bɛtena mpoano,+ baabi a ahyɛn gyina,+ na n’ahyeɛ bɛtrɛ akɔ Sidon fam.+
14 “Isakar+ yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a ɔda nnesoa mmienu ntam. 15 Ɔbɛhunu sɛ asoɛeɛ hɔ yɛ na asase no yɛ papa; na ɔbɛbɔ ne mu ase agye nnesoa na wayɛ nkoadwuma.
16 “Dan yɛ Israel mmusua no baako, na ɔbɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.+ 17 Dan bɛyɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn, nanka a ɔtɛ kwan ho. Ɔka pɔnkɔ nantin ma ɛsotefoɔ bu hwe n’akyi.+ 18 O Yehowa, mehwɛ wo nkwagyeɛ kwan.+
19 “Gad deɛ, dɔm bi bɛto ahyɛ ne so afom ne nneɛma, nanso ɔbɛtoa wɔn akɔto ahyɛ wɔn so.+
20 “Sradeduane bɛfiri Aser nkyɛn aba,+ na ahennuane rempa ne fie.+
21 “Naftali+ yɛ ɔforoteɛ a ne ho yɛ hare. Ɔbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ.+
22 “Yosef yɛ dua a ɛso aba duforɔ,+ nsuo ho dua a ɛso aba duforɔ+ a ne nkorabata tratra fasuo.+ 23 Nanso agyantofoɔ tuu wɔn ani sii ne so, wɔtotoo no, na wɔtan no.+ 24 Nanso n’agyan hyɛ hɔ pintinn,+ na n’abasa mu yɛ den.+ Ɔhwɛfoɔ no, Israel botan no,+ firi Yakob Tumfoɔ no nsam.+ 25 Ɔfiri Onyankopɔn a wo papa som no no hɔ,+ na ɔno na ɔbɛboa woɔ;+ ɔwɔ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn,+ na ɔno na ɔde ɔsoro nhyira+ ne subunu a ɛwɔ fam+ nhyira bɛhyira woɔ; ɔde nufoɔ ne yafunu mu nhyira bɛhyira wo.+ 26 Wo papa nhyira bɛkyɛn nhyira a ɛfiri mmepɔ+ ne nkokoɔ fɛfɛ a ɛtim hɔ daa soɔ.+ Ɛbɛba Yosef tiri so, ɛbɛba deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no apampam.+
27 “Benyamin bɛyɛ sɛ pataku a ɔtete mmoa mu.+ Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakye no no, na anwummerɛ nso ɔbɛkyɛ asadeɛ mu.”+
28 Yeinom nyinaa ne Israel mmusua dumienu no, na yei ne asɛm a wɔn papa kaeɛ berɛ a ɔrehyira wɔn no. Deɛ ɛfata obiara na ɔde hyiraa no.+
29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aka kakra na wɔde me akɔka me nkurɔfoɔ ho.+ Monkɔsie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asase soɔ no mu.+ 30 Yei ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim wɔ Kanaan no. Ɔbodan yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ.+ 31 Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.+ Ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka,+ na ɛhɔ ara na mesiee Lea. 32 Wɔtɔɔ asase no ne ɔbodan a ɛwɔ soɔ no firii Het mma nkyɛn.”+
33 Yakob kaa deɛ ɔbɛka akyerɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu mpa no so na ɔgyaa mu, na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.+