Genesis
48 Berɛ bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, wo papa ago.” Ɔtee saa no ɔfaa ne mma mmienu no, Manase ne Efraim,+ kaa ne ho. 2 Afei wɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn.” Enti Israel miaa n’ani sɔre tenaa ne mpa so. 3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ:
“Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me Lus+ wɔ Kanaan asase so, na ɔhyiraa me.+ 4 Na ɔtoaa so sɛ, ‘Mɛma w’ase atrɛ+ ayɛ bebree, na mɛma woabɛyɛ aman asafodɔm,+ na mede asase yi bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyi aba na ayɛ wɔn agyapadeɛ daa.’+ 5 Hwɛ, wo mma mmienu a wowoo wɔn Egypt ha ansa na mereba wo nkyɛn no yɛ me dea.+ Efraim ne Manase bɛyɛ me ara me mma te sɛ Ruben ne Simeon.+ 6 Na wo mma a wobɛnya wɔn wɔ wɔn akyi no na wɔbɛyɛ wo dea. Na agyapadeɛ a wɔn nuanom din da soɔ no bi na wɔbɛnya.+ 7 Mefiri Padan+ reba no, Rahel wu+ too me so wɔ kwan so wɔ Kanaan asase so. Ná baabi a yɛaduro no ne Efrata+ ntam twe kakra, enti mesiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so.”
8 Afei Israel hunuu Yosef mma no na ɔbisaa sɛ: “Hwannom nie?”+ 9 Yosef buaa ne papa sɛ: “Mma a Onyankopɔn ama manya wɔn ha nie.”+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, fa wɔn brɛ me na menhyira wɔn.”+ 10 Onyini nti na Israel ani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ.+ Enti ɔde wɔn bɛn no na ɔfee wɔn ano bam wɔn.+ 11 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Na mennim da sɛ mɛhunu w’anim,+ nanso hwɛ sɛ Onyankopɔn ama mahunu wo mma mpo aka wo ho.” 12 Afei Yosef yii wɔn firii ne nantam, na ɔbuu nkotodwe de n’anim butuu fam.+
13 Yosef de ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu gyinaa Israel benkum,+ na ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu gyinaa Israel nifa,+ na ɔde wɔn bɛn no. 14 Nanso Israel de ne nsa nifa too Efraim+ a ɔyɛ kumaa no tiri so,+ na ɔde ne nsa benkum too Manase tiri so.+ Ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ ne nsa saa, ɛfiri sɛ na Manase ne panin.+ 15 Afei ɔhyiraa Yosef kaa sɛ:+
“Nokorɛ Nyankopɔn a m’agyanom Abraham ne Isak nantee n’anim,+
Nokorɛ Nyankopɔn a wahwɛ me soɔ me nkwa nna nyinaa abɛsi nnɛ,+
16 Ɔbɔfoɔ a ɔyii me firii m’ahohia nyinaa mu no+ nhyira mmɔfra yi.+
17 Yosef hunuu sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim tiri so no, n’ani annye ho,+ na ɔyɛɛ sɛ ɔreyi ne papa nsa afiri Efraim tiri so de ato Manase tiri so.+ 18 Na Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, ɛfiri sɛ oyi ne panin.+ Fa wo nsa nifa to ne tiri so.” 19 Na ne papa antie na ɔkaa sɛ: “Menim saa, me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman na ɔbɛyɛ kɛse.+ Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no,+ na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.”+ 20 Na da no ɔhyiraa wɔn+ sɛ:
“Daa Israel de wo din bɛhyira aka sɛ,
‘Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.’”+
Enti ne nyinaa mu no, na ɔde Efraim di Manase anim.+
21 Afei Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, merebɛwu,+ nanso Onyankopɔn bɛka mo ho, na ɔde mo bɛsan akɔ mo agyanom asase so.+ 22 Na mede asase a menam nkrantɛ ne agyan so gye firii Amorifoɔ hɔ no bɛka wo deɛ no ho ama no ayɛ kɛse asene wo nuanom deɛ no.”+