Genesis
47 Na Yosef kɔbɔɔ Farao amanneɛ sɛ:+ “Me papa ne me nuanom de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba Gosen+ asase so.” 2 Na ɔfaa ne nuanom nnum de wɔn kɔɔ Farao anim.+
3 Farao bisaa ne nuanom no sɛ: “Adwuma bɛn na moyɛ?”+ Ɛnna wɔbuaa Farao sɛ: “Wo nkoa ne yɛn agyanom+ yɛ nnwanhwɛfoɔ.”+ 4 Afei wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛsoɛ asase yi so,+ ɛfiri sɛ ɛkɔm no ano yɛ den wɔ Kanaan+ asase so, na wo nkoa nnya aduane mma wɔn mmoa.+ Enti yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen+ asase so.” 5 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo papa ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6 Egypt asase nyinaa da w’anim.+ Ma wo papa ne wo nuanom ntena asase no fã a ɛyɛ paa so.+ Ma wɔntena Gosen+ asase so, na sɛ wɔn mu bi yɛ akokoɔdurofoɔ a,+ yi wɔn ma wɔnhwɛ me mmoa so.”+
7 Afei Yosef de ne papa Yakob kɔkyeaa Farao, na Yakob hyiraa Farao.+ 8 Farao bisaa Yakob sɛ: “Enti woadi mfeɛ sɛn?” 9 Yakob buaa Farao sɛ: “Mede mfeɛ ɔha aduasa na atena ase sɛ ɔhɔhoɔ.+ Ɛyɛ mfeɛ kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu mã,+ na ɛnnuru mfeɛ a m’agyanom de tenaa ase sɛ ahɔhoɔ no koraa.”+ 10 Na Yakob hyiraa Farao na ɔfirii Farao anim kɔeɛ.+
11 Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt na ɔmaa wɔn asase no fã a ɛyɛ paa, Ramese+ asase, sɛdeɛ Farao kaeɛ no. 12 Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fiefoɔ nyinaa aduane,+ sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ teɛ.+
13 Afei na aduane biara nni asase no so baabiara, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den paa;+ na ɛkɔm no dosaa Egypt ne Kanaan asase nyinaa.+ 14 Na Yosef gyegyee Egypt ne Kanaan asase so sika a wɔde bɛtɔɔ aburoo no nyinaa;+ na ɔde sika no kɔɔ Farao fie. 15 Berɛ bi akyi no, Egypt ne Kanaan asase so sika saeɛ, na Egyptfoɔ nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: “Ma yɛn aduane!+ Adɛn nti na yɛn sika a asa nti ɛsɛ sɛ yɛwuwu w’anim?”+ 16 Yosef buaa sɛ: “Sɛ mo sika asa a, momfa mo nyɛmmoa mmra na mɛma mo aduane.” 17 Na wɔde wɔn nyɛmmoa brɛɛ Yosef, na Yosef maa wɔn aduane de gyee wɔn apɔnkɔ,+ nnwan, anantwie ne mfunumu; ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa wɔ afe no mu.
18 Nkakrankakra afe no baa awieeɛ, na afe a ɛdi hɔ no wɔkɔɔ Yosef nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛremfa nsie yɛn wura; yɛn sika ne yɛn nyɛmmoa nyinaa yɛde abrɛ yɛn wura.+ Biribiara nni hɔ bio wɔ yɛn wura anim gye yɛn nipadua ne yɛn asase.+ 19 Adɛn nti na yɛne yɛn nsase nwu wɔ w’anim?+ Fa aduane tɔ yɛne yɛn nsase+ na yɛne yɛn nsase mmɛyɛ Farao nkoa; na ma yɛn aba a yɛbɛdua na yɛatena ase na yɛanwuwu, na yɛn asase anna mpan.”+ 20 Enti Yosef tɔɔ Egyptfoɔ nsase nyinaa de maa Farao;+ Egyptfoɔ nyinaa tontɔn wɔn nsase, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den, na asase no bɛyɛɛ Farao dea.
21 Ɔtuu ɔmanfoɔ no firii Egypt mmaa nyinaa kɔtenatenaa nkuro mu.+ 22 Asɔfoɔ no asase nko ara na wantɔ,+ ɛfiri sɛ Farao na ɔmaa asɔfoɔ no aduane, na deɛ Farao de maa wɔn na wɔdiiɛ.+ Enti wɔantɔn wɔn asase.+ 23 Na Yosef ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo nsase ama Farao. Monnye aba yi nkɔdua asase no so.+ 24 Sɛ nnɔbaeɛ no ba a,+ monkyɛ mu nnum mfa baako mma Farao+ na nnan a aka no nyɛ mo dea, na yei bi na mobɛdua no asase no soɔ na mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nso adi bi.”+ 25 Na wɔkaa sɛ: “Woagye yɛn nkwa.+ Me wura, ma yɛnnya w’anim adom na yɛnyɛ Farao nkoa.”+ 26 Yosef hyɛɛ mmara too hɔ de bɛsi nnɛ sɛ wɔmfa Egypt asase so adeɛ nkyɛmu nnum mu baako mma Farao. Asɔfoɔ no asase nko ara na wɔamfa amma Farao.+
27 Na Israel tenaa Egypt asase so, wɔ Gosen;+ na wɔn ase timii wɔ hɔ, na wɔdɔre yɛɛ pii.+ 28 Yakob tenaa Egypt mfeɛ dunson; enti mfeɛ a Yakob diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduanan nson.+
29 Afei na aka kakra ama Israel awu.+ Na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+ na wo ne me nni no adɔeɛ so ne nokorɛ mu.+ (Mesrɛ wo, nsie me Egypt.)+ 30 Merebɛwu akɔka m’agyanom ho,+ na fa me firi Egypt kɔsie me wɔn asieeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ sɛdeɛ woaka no.” 31 Na Yakob kaa sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel de n’anim butuu mpa no atifi.+