Genesis
46 Afei Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa siim baa Beer-Seba,+ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ne papa Isak Nyankopɔn.+ 2 Na Onyankopɔn ne Israel kasaa anadwo wɔ anisoadehunu mu sɛ:+ “Yakob, Yakob!” na ɔgyee so sɛ: “Menie!”+ 3 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Mene nokorɛ Nyankopɔn+ no, Onyankopɔn a wo papa som no no.+ Nsuro sɛ wobɛkɔ Egypt na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.+ 4 Me ne wo bɛkɔ Egypt na me ara masan de wo aba;+ Yosef na ɔde ne nsa bɛka w’ani agu soɔ.”+
5 Afei Yakob sɔre firii Beer-Seba, na Israel mma no de wɔn papa Yakob ne wɔn mma nketewa ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao de somaa sɛ wɔmfa nkɔfa no mmra no mu.+ 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan+ asase soɔ nyinaa. Na Yakob ne n’asefoɔ nyinaa kɔduruu Egypt. 7 Ɔde ne mma mmarima ne ne mma mmarima mma, ne ne mma mmaa ne ne mma mmarima mma mmaa, n’asefoɔ nyinaa, kaa ne ho kɔɔ Egypt.+
8 Israel mma a wɔkɔɔ Egypt+ nie: Yakob ne ne mma mmarima: Yakob ba panin ne Ruben.+
9 Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+
10 Simeon+ mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin,+ Sohar, ne Saul+ a ɔne Kanaanni baa woo no no.
11 Lewi+ mma ne Gerson,+ Kohat,+ ne Merari.+
12 Yuda+ mma ne Er,+ Onan,+ Sela,+ Peres,+ ne Sera.+ Er ne Onan wuu wɔ Kanaan+ asase so.
Na Peres woo Hesron+ ne Hamul.+
13 Isakar+ mma ne Tola,+ Puwa,+ Yob, ne Simron.+
14 Sebulon+ mma ne Sered, Elon, ne Yaleel.+
15 Yeinom ne Yakob mma mmarima ne ne babaa Dina+ a ɔne Lea+ woo wɔn wɔ Padan-Aram no. Wɔn nyinaa dodoɔ si akra aduasa mmiɛnsa.
16 Gad+ mma ne Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arod, ne Areli.+
17 Aser+ mma ne Yimnah, Yiswa, Yiswi, Beria,+ ne wɔn nuabaa Serah.
Beria mma ne Heber ne Malkiel.+
18 Yeinom ne Silpa+ a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob: wɔn nyinaa yɛ akra dunsia.
19 Yakob yere Rahel+ mma ne Yosef+ ne Benyamin.+
20 Mma a Yosef ne On sɔfoɔ Potifera babaa Asenat+ woo wɔn Egypt no ne Manase+ ne Efraim.+
21 Benyamin mma ne Bela,+ Beker,+ Asbel, Gera,+ Naaman,+ Ehi, Ros, Mupim,+ Hupim,+ ne Ard.
22 Yeinom ne mma a Rahel wo maa Yakob. Wɔn nyinaa yɛ akra dunan.
24 Naftali+ mma ne Yaseel, Guni,+ Yeser, ne Silem.+
25 Yeinom ne Bilha+ a Laban de no maa ne babaa Rahel no asefoɔ a ɔwoo wɔn maa Yakob no; wɔn nyinaa yɛ akra nson.
26 Akra a wɔfiri Yakob asene mu+ a wɔdii n’akyi kɔɔ Egypt nyinaa yɛ akra aduosia nsia. Yakob mma yerenom nka ho. 27 Yosef mma a ɔwoo wɔn Egypt yɛ akra mmienu. Akra a wɔfiri Yakob fie baa Egypt no nyinaa si aduɔson.+
28 Ɔsomaa Yuda+ dii n’anim kɔɔ Gosen kɔbɔɔ Yosef amanneɛ. Afei wɔkɔduruu Gosen+ asase so. 29 Ɛnna Yosef siesiee ne nteaseɛnam siim kɔhyiaa ne papa Israel wɔ Gosen.+ Berɛ a ɔduruu ne nkyɛn no ɔbam no de ne tiri too ne kɔn ho sui ara wɔ ne kɔn ho.+ 30 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Afei a mahunu w’anim sɛ wote aseɛ yi deɛ, mewu a mepɛ.”+
31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne ne papa fiefoɔ sɛ: “Momma menkɔbɔ Farao amanneɛ+ sɛ, ‘Me nuanom ne me papa fiefoɔ a wɔwɔ Kanaan asase soɔ no aba me nkyɛn.+ 32 Nnipa no yɛ nnwanhwɛfoɔ,+ na wɔwɔ mmoa pii;+ na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba.’+ 33 Sɛ Farao bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom+ ayɛn mmoa afiri yɛn mmɔfraase.’ Yei bɛma moatena Gosen+ asase so, ɛfiri sɛ Egyptfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ.”+