Genesis
45 Afei na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so bio wɔ wɔn a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa anim.+ Enti ɔteaam sɛ: “Momma obiara mfiri me nkyɛn!” Ná obiara nnyina Yosef nkyɛn berɛ a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no.+
2 Na ɔmaa ne nne so suiɛ+ ara maa Egyptfoɔ ne wɔn a wɔwɔ Farao fie no teeɛ. 3 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mene Yosef. Me papa da so te ase anaa?” Nanso ne nuanom antumi ankasa ɛfiri sɛ na asɛm no atɔ wɔn so.+ 4 Enti Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na wɔbɛn no.
Afei ɔkaa sɛ: “Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Egypt no.+ 5 Nanso mommma no nnha mo,+ na mommma mo bo mmfu mo ho sɛ motɔn me baa ha; ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.+ 6 Ɛkɔm no baa asase soɔ mfeɛ mmienu nie,+ na asan aka mfeɛ nnum a obiara ntumi mfuntum na ɔntwa.+ 7 Onyankopɔn somaa me dii mo anim na ama moanya nkwagyeɛ kɛseɛ na mo nkaefoɔ bi atena asase so.+ 8 Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha,+ na mmom nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde me baa sɛ ɔbɛyɛ me Farao agya+ ne ne fie nyinaa so wura, na madi Egypt asase nyinaa so.
9 “Enti monyɛ ntɛm nkɔ me papa hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Deɛ wo ba Yosef aka nie: “Onyankopɔn de me ayɛ Egypt nyinaa so wura.+ Tu bra me nkyɛn. Ntwentwɛn wo nan ase koraa. 10 Bɛtena Gosen+ asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo mma mma ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa mmra. 11 Mɛma wo aduane adi, ɛfiri sɛ aka mfeɛ nnum ansa na ɛkɔm no to atwa,+ na mesuro sɛ ohia bɛka wo ne wo fie ne deɛ wowɔ nyinaa.”’ 12 Hwɛ, mo ne me nua Benyamin ani tua sɛ me ara m’ano na mede rekasa kyerɛ mo.+ 13 Monka animuonyam a manya no Egypt asase soɔ ne deɛ moahunu nyinaa nkyerɛ me papa; momma mo ho nyɛ hare nkɔfa no mmra.”
14 Na ɔbam ne nua Benyamin na ɔsuiɛ, na Benyamin nso de ne tiri too ne kɔn ho suiɛ.+ 15 Na ɔfee ne nuanom nyinaa ano suiɛ;+ afei ne nuanom ne no kasaeɛ.
16 Farao fiefoɔ tee sɛ wɔreka sɛ: “Yosef nuanom aba!” Na Farao ne ne nkoa ani gyeeɛ.+ 17 Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Ka kyerɛ wo nuanom sɛ, ‘Monyɛ yei: Monhyehyɛ nneɛma ngu mo mfunumu so mfa nkɔ Kanaan asase so,+ 18 na monkɔfa mo papa ne mo fiefoɔ mmra me nkyɛn, na mede Egypt asase so nnepa bɛma mo na moadi asase no fã a adɔ sradeɛ.+ 19 Na wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ:+ “Monyɛ yei: Momfa Egypt asase so nteaseɛnam+ nkɔfa mo mma ne mo yerenom, na momfa mo papa ntena baako mu mmra.+ 20 Na mommma mo ani nnnyina mo agyapadeɛ,+ ɛfiri sɛ nnepa a ɛwɔ Egypt asase soɔ nyinaa yɛ mo dea.”’”+
21 Ɛnna Israel mma no yɛɛ saa, na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no na ɔmaa wɔn akwansoduane.+ 22 Ɔmaa obiara atadeɛ baako a ɔde bɛsesa ne ho,+ na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena ahasa ne ntadeɛ ahodoɔ nnum a ɔde bɛsesa ne ho.+ 23 Deɛ ɔde soma kɔmaa ne papa nso nie: mfunumu du a wɔsoso Egypt nnepa ne mfunumu abereɛ du a wɔsoso ayuo ne aburoo ne aduane foforɔ a ne papa bɛdi no kwan soɔ. 24 Afei ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔsiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na obiara bo ankɔfu ne yɔnko wɔ kwan so.”+
25 Enti wɔfirii Egypt na nkakrankakra wɔkɔduruu Kanaan asase so, wɔn papa Yakob nkyɛn. 26 Na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yosef te ase, na ɔno na ɔdi Egypt asase nyinaa soɔ!”+ Asɛm no ampusu n’akoma, ɛfiri sɛ wannye wɔn anni.+ 27 Na berɛ a wɔkaa deɛ Yosef kaeɛ no nyinaa kyerɛɛ no na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de asoma sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn papa Yakob honhom sanee no.+ 28 Na Israel teaam sɛ: “Ɛyɛ! Me ba Yosef te ase ampa! Ma menkɔhu no ansa na mawu!”+