Genesis
44 Akyire yi ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie soɔ+ no sɛ: “Fa aduane a mmarima no biara bɛtumi asoa hyɛ ne kotokuo mu na fa obiara sika hyɛ mu.+ 2 Fa me kuruwa, dwetɛ kuruwa no, hyɛ kumaa no kotokuo mu, na fa aburoo no sika ka ho.” Na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.+
3 Adeɛ kyeeɛ no wɔgyaa mmarima no kwan+ maa wɔne wɔn mfunumu kɔeɛ. 4 Berɛ a wɔfirii kuro no mu no, wɔannuru baabiara na Yosef ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie soɔ no sɛ: “Sɔre! Tĩ mmarima no na bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mode bɔne atua papa ka?+ 5 Ɛnyɛ yei ne adeɛ a me wura nom mu a ɛma ɔhunu ewiem nsɛm no anaa?+ Moayɛ bɔne kɛseɛ.’”
6 Enti ɔkɔtoo wɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na me wura ka asɛm a ɛte saa? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa. 8 Hwɛ, sika a yɛhunuu no yɛn nkotokuo mu no, yɛsan de firi Kanaan asase so brɛɛ wo.+ Ɛbɛyɛ dɛn na yɛawia dwetɛ anaa sika wɔ wo wura fie?+ 9 Wo nkoa yi mu biara a wobɛhunu no ne nkyɛn no, ma no nwu, na ma yɛn a yɛaka no nyɛ me wura nkoa.”+ 10 Enti ɔkaa sɛ: “Momma yɛnyɛ no sɛdeɛ moaka no.+ Na deɛ yɛbɛhu no ne nkyɛn no bɛyɛ m’akoa,+ na mo a moaka deɛ, mo ho sɔnn.” 11 Enti ntɛm ara na obiara soɛɛ ne kotokuo too fam, na wɔsanesanee ano. 12 Na ɔtoo ne bo ase hwehwɛɛ mu. Ɔde firi panin so kɔsii kumaa so. Awieeɛ koraa no ɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo mu.+
13 Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ+ mu na obiara maa n’adesoa so too n’afunumu so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kuro no mu. 14 Yuda+ ne ne nuanom kɔɔ Yosef fie, na na ɔda so wɔ hɔ; na wɔbutubutuu fam n’anim.+ 15 Afei Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim wiem anaa?”+ 16 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Asɛm bɛn ara na yɛbɛtumi aka akyerɛ me wura? Na ɛdeɛn koraa na yɛbɛka? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadi bem?+ Nokorɛ Nyankopɔn no ama wo nkoa bɔne ada adi.+ Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn nyinaa!”+ 17 Nanso ɔkaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa!+ Deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no na ɔbɛyɛ m’akoa.+ Mo a moaka no mfa asomdwoeɛ nkɔ mo papa nkyɛn.”+
18 Afei Yuda twe bɛn no kaa sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie,+ na mma wo bo mmfu+ w’akoa, ɛfiri sɛ wote sɛ Farao.+ 19 Me wura bisaa ne nkoa sɛ, ‘Mowɔ papa anaa onua foforɔ bi?’ 20 Yɛbuaa me wura sɛ, ‘Yɛn papa akɔkoraa ne ne ba kumaa a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu wɔ hɔ.+ Na ne nua a ɔne no firi maame baako no awu agya no,+ na ne papa dɔ no.’ 21 Ɛnna woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Monkɔfa no mmra na memfa m’ani nhu no.’+ 22 Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abɔfra no ntumi mfiri ne papa nkyɛn. Sɛ ɔfiri ne nkyɛn a, papa no bɛwu.’+ 23 Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no ne mo amma a, morenhunu m’anim bio.’+
24 “Enti yɛkɔɔ w’akoa, me papa, nkyɛn kɔkaa me wura asɛm no kyerɛɛ w’akoa. 25 Akyire yi yɛn papa kaa sɛ, ‘Monsan nkɔtɔ aduane kakra mmra.’+ 26 Nanso yɛkaa sɛ: ‘Yɛrentumi nsan nkɔ gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho, ɛfiri sɛ sɛ yɛn nua kumaa no nka yɛn ho a, yɛrentumi nhunu ɔbarima no anim.’+ 27 Afei w’akoa, me papa, ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ara monim sɛ me ne me yere woo mmɔfra mmienu.+ 28 Akyire yi baako firii me nkyɛn na meteaam sɛ: “Ao, ɛbɛyɛ sɛ aboa bi atete ne mu pasaa!”+ na manhu no bio bɛsi sɛsɛɛ. 29 Na sɛ mode oyi nso firi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma mede me dwono akɔ Adamena* mu+ awerɛhoɔ mu.’
30 “Na sɛ ɛba sɛ mekɔ w’akoa, me papa, nkyɛn na abɔfra no nka yɛn ho a, sɛdeɛ ne kra fam ne deɛ ho no,+ 31 sɛ ɔnya hunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu, na wo nkoa bɛma yɛn papa de dwono akɔ Adamena mu awerɛhoɔ mu. 32 Berɛ a abɔfra no refiri ne papa nkyɛn no, w’akoa de ne ho dii agyinamu+ sɛ, ‘Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, na mayɛ me papa anim bɔne daa.’+ 33 Enti mesrɛ wo, ma me mmom menka ha na menyɛ me wura akoa, na ma abɔfra no ne ne nuanom nkɔ.+ 34 Sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛyɛ dɛn akɔ me papa nkyɛn na mahwɛ me papa amanehunu?”+