Genesis
43 Ɛkɔm no mu yɛɛ den asase no so.+ 2 Afei berɛ a aduane a wɔde firi Egypt baeɛ no saeɛ no,+ wɔn papa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔtɔ aduane kakra mmra.”+ 3 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Ɔbarima no kaa no dendeenden kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua no amma a, monnsi m’anim.’+ 4 Sɛ wobɛma yɛn nua no aka yɛn ho akɔ a,+ ɛnneɛ yɛbɛkɔ akɔtɔ aduane abrɛ wo. 5 Na sɛ woamma no ankɔ a, ɛnneɛ yɛrensi hɔ, ɛfiri sɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monnsi m’anim gye sɛ mo nua no ka mo ho.’”+ 6 Na Israel teaam sɛ:+ “Adɛn nti na moayɛ me bɔne a ɛte sei? Ɛyɛɛ dɛn na moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mo nua bi wɔ hɔ?” 7 Wɔbuaa sɛ: “Ɔbarima no ara na ɔbisaa yɛne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm sɛ, ‘Mo papa te ase?+ Mowɔ nua foforɔ bi?’ Na yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuaeɛ.+ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahunu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Momfa mo nua no mmra’?”+
8 Afei Yuda ka kyerɛɛ ne papa Israel sɛ: “Fa abɔfra no ma me na yɛnkɔ,+ na yɛne wo ne yɛn mma nkumaa no+ atena ase na yɛanwuwu.+ 9 Mede me ho bɛdi agyinamu.+ Sɛ biribi to no a, bisa no me nsam.+ Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, mɛdi w’anim fɔ daa. 10 Sɛ yɛkɔeɛ a, anka saa berɛ yi yɛakɔ aba mprenu.”+
11 Ɛnna wɔn papa Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ saa na ɛteɛ a,+ ɛnneɛ deɛ monyɛ nie: Momfa asase yi so nneɛma pa no bi ngu mo nkotokuo mu mfa nkɔma ɔbarima no:+ balsam aduhwam kakra,+ ɛwoɔ kakra,+ labdanum aduhwam ne akyenkyennuro,+ nkateɛ ne ɔsonkoran.+ 12 Na momfa sika no bi nka ho nkɔ; na momfa sika a wɔde hyehyɛɛ mo nkotokuo mu no nka ho,+ ebia ɛfaa wɔn ani so.+ 13 Afei momfa mo nua no na monsan nkɔhunu ɔbarima no. 14 Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ+ nnyaa mo nua no nka Benyamin ho mma mo. Nanso sɛ ɛtwa sɛ mehwere me mma no a, hwee nni hɔ a mɛtumi ayɛ!”+
15 Enti mmarima no faa akyɛdeɛ no ne sika no mmɔho mmienu, na wɔde Benyamin kaa wɔn ho siim kɔɔ Egypt kɔgyinaa Yosef anim.+ 16 Yosef hunuu sɛ Benyamin ka wɔn ho ara pɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fie soɔ no sɛ: “Fa mmarima yi kɔ fie na kum nyɛmmoa yɛ aduane+ na me ne wɔn bɛdidi awia yi.” 17 Ɛhɔ ara na ɔbarima no de wɔn kɔɔ Yosef fie sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.+ 18 Berɛ a mmarima no hunuu sɛ wɔde wɔn aba Yosef fie no wɔbɔɔ hu,+ na wɔkaa sɛ: “Sika a na ɛhyehyɛ yɛn nkotokuo mu no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wɔrebɛto ahyɛ yɛn so de yɛn ayɛ nkoa afa yɛn mfunumu!”+
19 Enti wɔkɔhuu ɔbarima a ɔhwɛ Yosef fie soɔ no wɔ fie no kwan ano ne no kasaeɛ, 20 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, me wura! Yɛbaa ha bɛtɔɔ aduane.+ 21 Na yɛkɔduruu ahomegyebea+ a yɛsanee yɛn nkotokuo no, yɛhunuu sɛ obiara sika hyɛ ne kotokuo mu, sɛdeɛ obiara sika teɛ pɛpɛɛpɛ. Enti yɛasan de aba.+ 22 Na yɛde sika pii aba rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onii ko a ɔde sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu.”+ 23 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, monnsuro.+ Mo Nyankopɔn ne Onyankopɔn a mo papa som no no ama mo ademudeɛ mo nkotokuo mu.+ Me nsam na mo sika no dii kan baeɛ.” Afei ɔde Simeon brɛɛ wɔn.+
24 Ɔbarima no de wɔn baa Yosef fie na ɔmaa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase,+ afei ɔmaa wɔn mfunumu no aduane.+ 25 Na wɔyiyii wɔn akyɛdeɛ+ no sɛ Yosef ba awia no a wɔde ama no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ hɔ.+ 26 Berɛ a Yosef baa fie hɔ no, wɔde nneɛma a wɔde brɛɛ no no maa no, na wɔbutubutuu fam n’anim.+ 27 Afei ɔbisaa sɛdeɛ wɔn ho teɛ, na ɔkaa sɛ:+ “Mo papa akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase?”+ 28 Wɔbuaa sɛ: “Yɛn papa, w’akoa ho yɛ. Ɔda so te ase.” Afei wɔbɔɔ wɔn mu ase kotoo no.+
29 Berɛ a ɔmaa n’ani so hunuu ne nua Benyamin, ne maame ba no,+ ɔkaa sɛ: “Mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no nie?”+ Na ɔtoaa so sɛ: “Me ba, Onyankopɔn nyi n’adɔeɛ adi nkyerɛ wo.”+ 30 Afei na Yosef ho pere no, ɛfiri sɛ na ne nua no nti ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yie,+ enti na ɔrepɛ baabi akɔsu, na ɔkɔɔ pia mu kɔsuiɛ.+ 31 Ɔwieeɛ no, ɔhohoroo n’anim pueeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho so kaa sɛ:+ “Monto pono no.”+ 32 Na wɔde ne deɛ sii n’anim de ne nuanom deɛ sisii wɔn anim na wɔde Egyptfoɔ a wɔne no redidie no deɛ sisii wɔn anim; na Egyptfoɔ no ne Hebrifoɔ no anto nsa annidi, ɛfiri sɛ ɛyɛ Egyptfoɔ akyiwadeɛ.+
33 Wɔtenatenaa n’anim nnidisoɔ nnidisoɔ firii panin+ so kɔsii kumaa so; na obiara hwɛɛ ne yɔnko anim a wɔnhunu deɛ wɔnka. 34 Afei ɔmaa wɔyii n’anim aduane no bi de maa wɔn, na ɔmaa Benyamin deɛ no dɔɔso senee wɔn a wɔaka no deɛ mmɔho nnum.+ Na wɔne no didi nomee kɔsii sɛ wɔmeeɛ.+