2 Na ɔkaa sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo mommane mmra mo akoa fie mmɛda ha anadwo yi, na wɔnhohoro mo nan ho,+ na adeɛ kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantuo no so.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Dabi, abɔnten so na yɛbɛtena anadwo yi.”+
5 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔsɔree anɔpatutuutu, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, na ɔsiesiee ne ho sɛ ɔrekɔ, nanso ababaa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Fa biribi kakra ka w’ano+ ansa na moakɔ.”