Numeri
11 Na ɔman no firii aseɛ nwiinwii wɔ Yehowa anim. Berɛ a Yehowa teeɛ no, ne bo fuu paa. Na egya a ɛfiri Yehowa hɔ firii aseɛ dɛree wɔ wɔn mu, na nnipa a ɛwɔ asoɛeɛ no ahyeɛ so no, egya no hyee bi. 2 Berɛ a ɔman no firii aseɛ su guu Mose so no, ɔpaa Yehowa kyɛw,+ na egya no dumii. 3 Wei nti wɔtoo hɔ din Tabera,* ɛfiri sɛ egya firi Yehowa hɔ bɛhyee wɔn.+
4 Firamanfiramanfoɔ*+ a na ɛka wɔn ho no kekaa sɛ wɔn kɔn adɔ nneɛma bi,+ na Israelfoɔ no nso firii aseɛ suu bio, na wɔkaa sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam awe?+ 5 Aa, yɛakae nsuomnam a yɛwee no kwa wɔ Egypt no, ne kukumba ne wɔtamɛlɔn* ne gyeene ne galik!+ 6 Nanso seesei yɛn* mu nsuo atwe. Baabiara a wobɛfa biara, mana yi ara na wohunu.”+
7 Ná mana+ no te sɛ aba fitaa ketewa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola aduhwam.* 8 Ná ɔman no pue kɔsesa, na na wɔyam wɔ boɔ so anaa wɔsi wɔ waduro mu. Wɔwie a, na wɔnoa wɔ dadesɛn mu anaa wɔde yɛ paanoo nkuruwankuruwa.+ Ná ne dɛ te sɛ keeki a wɔde ngo afa ho. 9 Sɛ ɛduru anadwo na bosuo tɔ gu asoɛeɛ hɔ a, na mana no nso atɔ agu hɔ.+
10 Na Mose tee sɛ abusua biara mu nnipa resu. Ná obiara resu wɔ ne ntomadan ano. Enti Yehowa bo fuu paa,+ na Mose nso, asɛm no yɛɛ no ya yie. 11 Ɛnna Mose bisaa Yehowa sɛ: “Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwonwoonwono saa? Na deɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa adesoa ato me so yi?+ 12 Adɛn, me na menyinsɛn nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wose, ‘Fa wɔn bɔ wo bo sɛdeɛ obi a ɔhwɛ abɔfra* ketewa yɛ no,’ na fa wɔn kɔ asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no so?+ 13 Ɛhe na mɛnya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wɔsu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14 Me nko ara mentumi nyɛ ɔman yi nyinaa ho adwuma; ɛboro me so.+ 15 Sɛ saa na wobɛyɛ me a, ɛnneɛ mepa wo kyɛw, ku me seesei ara.+ Sɛ manya w’anim adom a, mma m’ani nnhunu amanehunu biara bio.”
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ Israel mpanimfoɔ no mu na boaboa mmarima 70 ano ma me, mmarima a wohunu sɛ* wɔyɛ ɔman no mu mpanimfoɔ ne atitire,+ na fa wɔn kɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17 Mɛsiane aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ,+ na mɛyi honhom a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn,+ na wɔbɛboa wo ama woasoa ɔman no adesoa, na wo nko ara woansoa.+ 18 Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Monte mo ho mma ɔkyena,+ na deɛ ɛbɛyɛ biara mobɛwe nam, ɛfiri sɛ moasu ama Yehowa ate,+ na moaka sɛ: “Hwan na ɔbɛma yɛn nam awe? Berɛ a yɛwɔ Egypt no, na ɛyɛ ma yɛn paa.”+ Deɛ ɛteɛ biara, Yehowa bɛma mo nam, na mobɛwe.+ 19 Morenwe no da koro, anaa nnanu, anaa nnanum, anaa dadu, anaa adaduonu, 20 na mmom mobɛwe no bosome mua akɔsi sɛ ɛbɛfiri mo hwenem apue na ayɛ mo tan,+ ɛfiri sɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na moasu agu ne so sɛ: “Adɛn nti na yɛafiri Egypt aba ha yi?”’”+
21 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima 600,000+ a wɔnam fam, ɛnna wose, ‘Mɛma wɔn nam awe, na wɔbɛwe amee bosome mua’! 22 Sɛ wokum anantwie ne nnwan a ɛwɔ wiase nyinaa mpo a, ɛbɛso wɔn anaa? Na sɛ woyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?”
23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn, Yehowa nsa yɛ tia anaa?+ Wo deɛ twɛn, na wobɛhunu sɛ deɛ maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.”
24 Enti Mose kɔe, na ɔkɔkaa Yehowa asɛm no kyerɛɛ ɔman no. Na ɔyii mmarima 70 firii ɔman no mu mpanimfoɔ mu boaboaa wɔn ano, na ɔmaa wɔbɛgyinaa ntomadan no ho.+ 25 Na Yehowa siane bae wɔ mununkum mu+ ne no bɛkasae,+ na ɔyii honhom a ɛwɔ ne so no bi+ maa mpanimfoɔ 70 no mu biara. Na berɛ a honhom no baa wɔn so pɛ, wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ;*+ nanso wɔanyɛ wɔn adeɛ saa bio.
26 Mmarima no mu mmienu kaa asoɛeɛ hɔ. Ɔbaako din de Eldad, na ɔbaako nso de Medad. Ná wɔnkɔɔ ntomadan no ho, nanso ɛsiane sɛ na wɔka wɔn a wɔtwerɛɛ wɔn din no ho nti, honhom no bi baa wɔn so. Enti wɔfirii aseɛ yɛɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ asoɛeɛ hɔ. 27 Ɛbaa saa no, aberanteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad reyɛ wɔn adeɛ sɛ adiyifoɔ wɔ asoɛeɛ hɔ!” 28 Ɛnna Nun ba Yosua+ a ɔfiri ne mmeranteberɛ mu asom Mose no kaa sɛ: “Me wura Mose, ma wɔnnyae!”+ 29 Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Daabi, menyaeɛ a anka Yehowa nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ, na Yehowa de ne honhom ama wɔn nyinaa!” 30 Akyire yi, Mose ne Israel mpanimfoɔ no kɔɔ asoɛeɛ hɔ.
31 Afei mframa bi bɔ firii Yehowa hɔ, na ɛfirii aseɛ piaa mmoko* firii po so maa wɔbaa asoɛeɛ no ho.+ Ná wɔdɔɔso wɔ asoɛeɛ no ho nyinaa ma wofa benkum oo, wofa nifa oo, gye sɛ wotwa bɛyɛ da koro kwan ansa na woatra wɔn. Wɔtu baa fam paa maa wɔne asaase ntam yɛɛ bɛyɛ basafa* mmienu. 32 Enti saa da no nyinaa ne anadwo no nyinaa, nkurɔfoɔ no anna; wɔboaboaa mmoko no ano. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mu no nyinaa. Deɛ wamfa kɛse koraa no nyaa homar* du. Obiara hataa ne deɛ, na wɔhatahatae de twaa asoɛeɛ no ho nyinaa hyiae. 33 Nanso berɛ a nam no wɔ wɔn anom a wɔnnya nweeɛ no, Yehowa bo fuu nkurɔfoɔ no dendeenden, na Yehowa firii aseɛ kunkum nkurɔfoɔ no pii.+
34 Enti wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,*+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee nnipa a wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi no.+ 35 Afei ɔman no firii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.+