4 “Sheol,” “Hades” Adasamma Adamena; Asieeɛ
Hebri, שאול (sheʼohlʹ); Hela, ᾅδης (haiʹdes); Latin, in·ferʹnus; Syriac, shiul
Mmeaeɛ Aduosia Nsia a “Sheol” Pue
Hebri asɛmfua “Sheol” no pue mprɛ 66 wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no fã a ɛne Hebri Twerɛnsɛm no mu wɔ Ge 37:35; 42:38; 44:29, 31; Nu 16:30, 33; De 32:22; 1Sa 2:6; 2Sa 22:6; 1Ah 2:6, 9; Hio 7:9; 11:8; 14:13; 17:13, 16; 21:13; 24:19; 26:6; Dw 6:5; 9:17; 16:10; 18:5; 30:3; 31:17; 49:14, 14, 15; 55:15; 86:13; 88:3; 89:48; 116:3; 139:8; 141:7; Mme 1:12; 5:5; 7:27; 9:18; 15:11, 24; 23:14; 27:20; 30:16; Ɔsɛn 9:10; Nmd 8:6; Yes 5:14; [7:11]; 14:9, 11, 15; 28:15, 18; 38:10, 18; 57:9; Hes 31:15, 16, 17; 32:21, 27; Ho 13:14, 14; Am 9:2; Yon 2:2; Hab 2:5. Saa mmeaeɛ yi nyinaa no, Asante Twi Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no akyerɛ aseɛ “Adamena.”
Mprɛ 65 na “Sheol” pue wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu wɔ Hebri Masoretfoɔ ntwerɛeɛ no mu. Yes 7:11 nso, asɛm a ɛwɔ hɔ ne sheʼaʹlah, “bisa,” nanso wɔasẽsa sɛdeɛ wɔbɔ no no kakra ama ɛne tete nkyerɛaseɛ ahodoɔ ahyia ma enti wɔayɛ no sheʼoʹlah anaa “Sheol.” Baabiara a Hebri asɛmfua sheʼohlʹ pue no, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no yɛ no “Adamena.” Hela Septuagint kyerɛ sheʼohlʹ ase sɛ haiʹdes.
Nsɛmfua pii na nkurɔfoɔ akyerɛ sɛ wɔnyaa sheʼohlʹ firii mu, nanso ɛda adi sɛ wɔnya firii Hebri asɛmfua שׁאל (sha·ʼalʹ) mu na ɛkyerɛ sɛ obi “bisa biribi.” Yei kyerɛ sɛ Adamena bɛyɛ beaeɛ bi (na ɛnyɛ tebea) a ɛbisa anaa ɛgye obiara a nyiyimu nnim te sɛ deɛ ɛgye awufoɔ no. (Hwɛ Rbi8-E, Ge 37:35 ne Yes 7:11 aseɛ hɔ nsɛm no.) Ɛwɔ asase mu, na wɔde bata awufoɔ ho berɛ nyinaa, na deɛ ɛkyerɛ ara ne adasamma adamena, asieeɛ, anaa asase mu (ɛnyɛ ɛpo mu) beaeɛ a awufoɔ wɔ. Deɛ ɛne no bɔ abira no, Hebri asɛmfua qeʹver kyerɛ onipa baako bi damena anaa beaeɛ a wɔsie no.—Ge 23:4, 6, 9, 20.
Mmeaeɛ Du a “Hades” Pue
“Hades” a ebia ɛkyerɛ “beaeɛ a wɔnhunu” no pue mprɛ du wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no fã a ɛne Hela Twerɛnsɛm no mu wɔ Mt 11:23; 16:18; Lu 10:15; 16:23; Aso 2:27, 31; Adi 1:18; 6:8; 20:13, 14. Saa mmeaeɛ yi nyinaa no, Asante Twi Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no akyerɛ aseɛ “Adamena.”
Asɛm a Petro fa firii Dw 16:10 kaa wɔ Aso 2:27 no kyerɛ sɛ “Hades” kyerɛ adasamma adamena (na ɛnte sɛ taʹphos a ɛkyerɛ onipa baako bi damena no). Latin asɛmfua a ɛgyina hɔ ma “Hades” (anaa, Adamena) no ne in·ferʹnus (ɛtɔ da bi a ɛyɛ inʹfe·rus). Ɛkyerɛ “deɛ ɛwɔ aseɛ; asase ase,” na adwene a ɛwɔ akyire ne asieeɛ. Enti wɔbɛtumi de agyina hɔ ama Hela ne Hebri nsɛmfua no ama no ayɛ yie.
Twerɛnsɛm a ɛfiri honhom mu no mu no, wɔde asɛmfua “Adamena” bata owuo ne awufoɔ ho, ɛnyɛ nkwa ne ateasefoɔ. (Adi 20:3) Biribiara nni asɛmfua yi mu a ɛkyerɛ anigyeɛ anaa yea a wɔdie.