Yesaia
38 Berɛ bi owuyareɛ bɔɔ Hesekia.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia+ baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hyɛ wo fie nsamanseɛ,+ ɛfiri sɛ wobɛwu, na worentena ase.’”+ 2 Ɛnna Hesekia de n’ani kyerɛɛ dan+ bɔɔ Yehowa mpaeɛ+ 3 sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛdeɛ mede nokorɛdie+ ne akoma mũ+ anante+ w’anim, na mayɛ deɛ ɛsɔ w’ani biara.” Na Hesekia suu pii.+
4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ+ Yesaia sɛ: 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid+ Nyankopɔn aka nie: “Mate wo mpaebɔ no.+ Na mahunu wo nisuo.+ Enti mede mfeɛ dunum bɛka wo nna ho;+ 6 na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam, na mɛbɔ kuro yi ho ban.+ 7 Yei ne sɛnkyerɛnne a ɛfiri Yehowa hɔ a ɛbɛma woahunu sɛ Yehowa bɛyɛ deɛ waka no:+ 8 Mɛma sunsum a owia+ ama no atɔ Ahas atwedeɛ soɔ no akɔ n’akyi anammɔn du.”’”+ Na ɔmaa owia sunsum a ɛda atwedeɛ no soɔ no kɔɔ n’akyi anammɔn du.+
9 Asɛm yi na Yuda hene Hesekia twerɛeɛ berɛ a ɔyareeɛ+ na ne ho tɔɔ no no.+
11 Mekaa sɛ: “Merenhunu Yah bio, merenhunu Yah wɔ ateasefoɔ asase so.+
Merenhunu nnipa anim bio; kommyɛ asase so na mɛkorɔ.
12 Wɔatutu me tenabea+ afiri me ho kɔ te sɛ nnwanhwɛfoɔ ntomadan.
Mabobɔ me nkwa te sɛ ntomanwemfoɔ;
Watwa me+ afiri nsadua ahoma so.
Woayi me ama+ firi awia kɔsi anadwo.
13 Medwodwoo me ho kɔsii anɔpa.+
Ɔbubu me nnompe nyinaa mu te sɛ gyata;+
Woayi me ama firi awia kɔsi anadwo.+
14 Mesu te sɛ asomfena, sɛ apatuprɛ;+
Mepene te sɛ aborɔnoma.+
M’ani ayɛ siamoo hwɛ soro:+
‘O Yehowa, me ho kyere me. Di m’asɛm ma me.’+
15 Ɛdeɛn na menka, na deɛn na ɔbɛka akyerɛ me?+
Ɔno ara na wayɛ.+
Me mfeɛ a aka nyinaa, mɛnante komm me kra awerɛhoɔ mu.+
16 ‘O Yehowa, ɛso na nnipa nam tena aseɛ; na ɛno ara na ɛma me honhom nya nkwa,+ te sɛ obiara.
Wobɛma manya ahoɔden na woakora me so.+
17 Hwɛ, asomdwoeɛ ananmu na menyaa awerɛhoɔ, awerɛhoɔ paa;+
Na wode wo ho afam me kra ho, na woayi afiri ɔsɛeɛ amena mu.+
Na woato me bɔne nyinaa agu w’akyi.+
18 Ɛnyɛ Adamena na ɛbɛkamfo woɔ;+ na owuo ntumi nyi wo ayɛ.+
Wɔn a wɔkɔ amena mu ntumi nhwɛ wo nokorɛdie kwan.+
19 Ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ na ɔbɛtumi akamfo woɔ,+
Sɛdeɛ meyɛ nnɛ da yi.+
Agya no ara bɛma ne mma ahunu+ wo nokorɛdie.
21 Ɛnna Yesaia kaa sɛ: “Ma wɔmfa borɔdɔma a wɔabɔ no toa mmɛyɛ mpɔmpɔ no so+ na ne ho ntɔ no.”+ 22 Nanso Hesekia bisaa sɛ: “Ɛdeɛn ne sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ mɛkɔ Yehowa fie?”+