19 Me ne no abɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fiefoɔ a wɔbɛba akyire yi anante Yehowa akwan so ayɛ deɛ ɛtene na wabu atɛntenenee,+ na ama Yehowa ayɛ deɛ waka afa Abraham ho nyinaa ama no.”+
9 “Ɛno ara ne sɛ monhwɛ mo ho yie na mo ani mmra mo kra+ so na mo werɛ amfiri deɛ moahunu no,+ na amfiri mo akomam mo nkwa nna nyinaa;+ na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+