Hosea
13 “Sɛ Efraim kasa a, nnipa ho popo, ɛfiri sɛ na ɔwɔ tumi wɔ Israel.+ Nanso Baal nti ɔdii fɔ,+ na ɔwuiɛ.+ 2 Wɔasan ayɛ bɔne bio, ɛfiri sɛ wɔde wɔn dwetɛ ayɛ ahoni.+ Ne nyinaa yɛ abosom a wɔde wɔn adwene ayɛ,+ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ma nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no mfe anantwie mma no ano.’+ 3 Enti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum+ ne bosuo a ɛyera ntɛm; te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ firi ayuporobea+ ne wisie a ɛpue firi tokuro mu wɔ dan atifi.
4 “Nanso mene Yehowa wo Nyankopɔn firi Egypt asase so,+ na woanhunu Onyankopɔn foforɔ biara sɛ me, na na ɔgyefoɔ biara nni hɔ ka me ho.+ 5 Berɛ a wowɔ serɛ so,+ atiridii asase soɔ no, na meni wo.+ 6 Wɔn asase pa nti, wɔdidi meeɛ.+ Na berɛ a wɔmeeɛ no, wɔn akoma maa ne ho so,+ enti wɔn werɛ firii me.+ 7 Afei mɛba wɔn so sɛ gyata,+ na mɛtɛ kwankyɛn te sɛ ɔsebɔ.+ 8 Mɛto ahyɛ wɔn so te sɛ sisire a ne mma ayera,+ na mɛtete deɛ ɛdura wɔn akoma ho no mu. Na mɛwe wɔn wɔ hɔ te sɛ gyata,+ na wuram aboa bɛtete wɔn mu.+ 9 O Israel, woayɛ adeɛ atia me, me a meyɛ wo boafoɔ no,+ enti ɛde wo sɛeɛ bɛba.+
10 “Afei wo hene ne w’atemmufoɔ no wɔ he? Ma wɔnnye wo wɔ wo nkuro nyinaa mu ɛ.+ Yeinom ho na wokaa sɛ, ‘Ma me ɔhene ne aberempɔn.’+ 11 M’abufuo mu na memaa mo ɔhene,+ na m’anibereɛ mu na mɛfa no akorɔ.+
12 “Wɔakyekyere Efraim amumuyɔ, na wɔakora ne bɔne so.+ 13 Ne ho bɛyera no sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+ Ɔyɛ ɔba a ɔnnim nyansa,+ na ɛduru ne berɛ so a, ɔremmɛgyina awotwaa no ano, baabi a mma sene fa no.+
14 “Mɛgye wɔn afiri Adamena* nsam;+ mɛyi wɔn afiri owuo mu.+ Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?+ Adamena, wo sɛeɛ wɔ he?+ Na mmɔborɔhunu bɛyera afiri m’anim.+
15 “Sɛ ɔso aba te sɛ demmire mpo a,+ apueeɛ mframa, Yehowa mframa, bɛba.+ Ɛfiri serɛ so reba, na ɛbɛma n’abura mu nsuo awe na atwetwe n’asutire.+ Ɔno na ɔbɛfa adekoradan mu agyapadeɛ nyinaa.+
16 “Wɔbɛbu Samaria fɔ,+ ɛfiri sɛ wasɔre atia ne Nyankopɔn.+ Enti wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano.+ Na wɔbɛpɛkyɛ wɔn mma+ na wɔapaepae wɔn mmaa a wɔnyem mu.”+