Hosea
12 “Efraim aduane ne mframa;+ apueeɛ mframa akyi na ɔdi daa.+ Wama atorɔ ne ɔsɛeɛ adɔɔso.+ Wɔne Asiria ayɛ apam+ na wɔde ngo kɔ Egypt.
2 “Yehowa ne Yuda anya asɛm,+ na ɔbɛbu Yakob atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ;+ na ɔbɛtua no ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ 3 Yafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin,+ na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn dii asie.+ 4 Ɔne ɔbɔfoɔ dii asie kɔsii sɛ ɔdii nkonim.+ Na ɔsu hwehwɛɛ nhyira.”+
Ɔhunuu no Betel,+ na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.+ 5 Yehowa ne asafo Nyankopɔn,+ na Yehowa ne edin a wɔde kae no.+
6 “San bra wo Nyankopɔn nkyɛn,+ na di adɔeɛ+ ne atɛntenenee akyi;+ na fa wo ho to wo Nyankopɔn so daa.+ 7 Atorɔ nsania wɔ odwadini nsam,+ na nsisie na ɔpɛ.+ 8 Efraim ka sɛ, ‘Ampa, manya me ho;+ manya ahodeɛ pii.+ Na me brɛ nyinaa mu, wɔbɛhunu sɛ manni mfomsoɔ biara a ɛyɛ bɔne.’+
9 “Mene Yehowa wo Nyankopɔn firi Egypt asase so.+ Na mɛma woatena ntomadan mu te sɛ afahyɛ berɛ. 10 Me ne adiyifoɔ kasaeɛ,+ memaa anisoadehunu dɔɔso, na menam adiyifoɔ so yɛɛ mfatoho pii.+
11 “Abusudeɛ+ ne atosɛm aba Gilead.+ Na wɔde anantwie abɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal.+ Afei wɔn afɔrebukyia te sɛ aboɔ a wɔaboa ano asum afuo mu akofie so.+ 12 Yakob dwane kɔɔ Siria asase so,+ na ɔyere+ nti Israel+ someeɛ, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nnwan.+ 13 Na Yehowa nam odiyifoɔ so yii Israel firii Egypt,+ na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.+ 14 Efraim yɛɛ ahisɛm anibereɛ so,+ na ɔde ne mogyahwieguo buaa ɔno ara ne so,+ na ne wura Kunini no bɛtua n’ahohorabɔ so ka.”+