17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔyii yɛne yɛn agyanom firii Egypt+ nkoafie,+ ɔno na ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ yi wɔ yɛn ani soɔ,+ ɔno na ɔbɔɔ yɛn ho ban yɛn akwantuo mu, na ɔno na ɔhwɛɛ yɛn so faa aman hodoɔ no nyinaa mu.+
8 “Berɛ a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom firii aseɛ su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ na Yehowa somaa Mose+ ne Aaron maa wɔdii mo agyanom anim firii Egypt maa wɔbɛtenaa ha.+