Yosua 1:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “M’akoa Mose awu;+ afei sɔre na wo ne ɔman yi nyinaa ntwa Yordan asubɔnten yi nkɔ asase a mede rema Israelfoɔ no so.+ Yosua 11:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Afei Yosua faa nsase no nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua kyɛ maa Israelfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Ɛfiri saa berɛ no, ɛko anha asase no bio.+ Dwom 44:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɛnyɛ wɔn ara wɔn nkrantɛ na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ara wɔn basa na ɛgyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Ɛfiri sɛ na wopɛ wɔn asɛm.+
2 “M’akoa Mose awu;+ afei sɔre na wo ne ɔman yi nyinaa ntwa Yordan asubɔnten yi nkɔ asase a mede rema Israelfoɔ no so.+
23 Afei Yosua faa nsase no nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua kyɛ maa Israelfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Ɛfiri saa berɛ no, ɛko anha asase no bio.+
3 Ɛnyɛ wɔn ara wɔn nkrantɛ na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ara wɔn basa na ɛgyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Ɛfiri sɛ na wopɛ wɔn asɛm.+