14Yei na Israelfoɔ nyaa no sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Kanaan asase soɔ.+ Asase yi na ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitire kyɛ maa wɔn.+
16Berɛ a wɔbɔɔ ntonto+ kyɛɛ asase no, na Yosef+ asefoɔ no hyeɛ firi Yordan+ agya a ɛbɛn Yeriko kɔsi Yeriko nsuo ho wɔ apueeɛ, serɛ a ɛfiri Yeriko foro kɔ Betel+ mmepɔ soɔ no.
17Na wɔbɔɔ ntonto+ maa Manase+ abusuakuo no nyaa asase, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef ba panin,+ na ɛbɛdii Manase ba panin Makir,+ Gilead+ papa, nsam, ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsabarima;+ na wɔde Gilead+ ne Basan maa no.