Yosua
14 Yei na Israelfoɔ nyaa no sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Kanaan asase soɔ.+ Asase yi na ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitire kyɛ maa wɔn.+ 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ asase no+ maa mmusua nkron ne fã no, sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka no.+ 3 Saa berɛ no na Mose de mmusua mmienu ne fã no agyapadeɛ ama wɔn dada wɔ Yordan agya+ nohoa. Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ no bi wɔn mu.+ 4 Nanso na Yosef mma Manase+ ne Efraim+ abɛyɛ mmusua mmienu;+ na wɔantwa asase no bi amma Lewifoɔ no, gye nkuro+ a wɔbɛtena mu ne mfikyisase a wɔn mmoa bɛdidi soɔ na wɔakora agyapadeɛ ahodoɔ wɔ soɔ.+ 5 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfoɔ no yɛeɛ, na wɔkyekyɛɛ asase no mu.
6 Afei Yuda asefoɔ baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini+ Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim deɛ Yehowa ka kyerɛɛ+ nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea+ faa me ne wo ho. 7 Berɛ a Yehowa akoa Mose somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asase no,+ na madi mfeɛ aduanan, na mesan ba de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim, deɛ ɛwɔ m’akomam biara.+ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tuiɛ;+ nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+ 9 Enti saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asase a wode wo nan sii soɔ no+ bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ wode w’akoma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+ 10 Yehowa adaworoma meda so te ase+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ+ mfeɛ aduanan nnum nie, berɛ a Israelfoɔ nam serɛ soɔ no,+ na ɛnnɛ, madi mfeɛ aduɔwɔtwe nnum. 11 Nanso ɛnnɛ mpo me ho yɛ den sɛ da a Mose somaa me no.+ Ahoɔden a na mewɔ saa berɛ no, ebi na mewɔ nnɛ a mɛtumi akɔ akono asan aba.+ 12 Enti mesrɛ wo, fa asase a ɛwɔ bepɔ soɔ a Yehowa hyɛɛ ho bɔ saa da no ma me,+ ɛfiri sɛ da no wotee sɛ Anakimfoɔ+ wɔ hɔ na wɔabɔ wɔn nkuro ho ban.+ Menim sɛ Yehowa bɛka me ho,+ na mɛpamo asase no sofoɔ sɛdeɛ Yehowa aka no.”+
13 Afei Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapadeɛ.+ 14 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ, Hebron yɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa dii Israel Nyankopɔn Yehowa akyi.+ 15 Kane no na Hebron de Kiriat-Arba+ (ɛfiri sɛ na Arba+ yɛ Anakimfoɔ mu katakyie). Ɛfiri saa berɛ no, ɛko anha asase no bio.+