Yosua
13 Saa berɛ yi na Yosua mfeɛ akɔ animu na wabɔ akora.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfeɛ akɔ animu na woabɔ akora, nanso asase a aka a ɛsɛ sɛ wofa no sõ yie.+ 2 Asase a aka nie:+ Filistifoɔ+ ne Gesurfoɔ+ mpɔtamu hɔ nyinaa 3 (wɔbu Nil fã a ɛda Egypt anim kɔsi Ekron hyeɛ so wɔ atifi fam+ no sɛ Kanaanfoɔ asase);+ Filistifoɔ ahemfo+ nnum dii nkuro yi so, Gasa,+ Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ Ekron,+ ne Awim.+ 4 Anafoɔ fam nso, wobɛfa Kanaanfoɔ asase nyinaa; ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ+ asase akɔsi Afek, na ɛbɛkɔ akɔpem Amorifoɔ hyeɛ so; 5 ne Gebalfoɔ+ asase ne Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ, firi Baal-Gad+ wɔ Bepɔ Hermon ase de akɔsi Hamat;+ 6 wɔn a wɔtete mmepɔ soɔ nyinaa, ɛfiri Lebanon+ kɔ Misrefot-Maim,+ kyerɛ sɛ Sidonfoɔ+ nyinaa. Na me ara mɛtu wɔn afiri wɔn asase so ama Israelfoɔ.+ Nanso hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapadeɛ ho, sɛdeɛ maka akyerɛ woɔ no.+ 7 Afei kyɛ asase no ma mmusua nkron no ne Manase abusuakuo fã+ no.”
8 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne abusuakuo no fã a aka no kɔfaa asase a Mose de maa wɔn Yordan agya wɔ apueeɛ fam no, sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose atwa ama wɔn dada no,+ 9 ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon+ Bɔn ano ne kuro a ɛwɔ bɔn no mfimfini ne Medeba+ asase tratra no so de kɔsi Dibon;+ 10 ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon no nkuro nyinaa, kɔsi Ammonfoɔ hyeɛ so;+ 11 ne Gilead, ne Gesurfoɔ+ ne Maakatfoɔ nsase nyinaa, ne Bepɔ Hermon+ ne Basan+ nyinaa de kɔsi Saleka;+ 12 ne Og+ a ɔdii adeɛ wɔ Astarot ne Edrei+ no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Og na na waka wɔ Refaimfoɔ+ no mu.) Na Mose kunkum wɔn faa wɔn asase.+ 13 Israelfoɔ amfa Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ nsase;+ mmom Gesurfoɔ+ ne Maakatfoɔ te Israelfoɔ mu bɛsi nnɛ.
14 Lewi abusuakuo no nko ara na wamma wɔn agyapadeɛ.+ Egya afɔdeɛ a wɔbɔ+ ma Israel Nyankopɔn Yehowa no ne wɔn agyapadeɛ,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
15 Afei Mose maa Ruben asefoɔ nyaa wɔn asase, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 16 Wɔn asase no firi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn ano ne kuro a ɛwɔ Bɔn no mfimfini ne Medeba+ asase tratra no so nyinaa; 17 ne Hesbon+ ne ɛho nkuro+ a ɛwɔ asase tratra no soɔ nyinaa, Dibon+ ne Bamot-Baal+ ne Bet-Baal-Meon,+ 18 ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat,+ 19 ne Kiriataim+ ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ asasetamaa no so bepɔ so, 20 ne Bet-Peor ne Pisga+ bepɔ ase ne Bet-Yesimot,+ 21 ne nkuro a ɛwɔ asase tratra no soɔ+ ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose kum+ ɔne Midian atitire yi nyinaa: Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Yeinom ne Sihon aberempɔn a na wɔwɔ asase no soɔ. 22 Na Israelfoɔ de nkrantɛ kum Beor+ ba Balaam, nkɔmhyɛfoɔ+ no, kaa wɔn a wɔkunkum wɔn no ho. 23 Ruben asefoɔ hyeɛ bɛsi Yordan ho; na asase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben asefoɔ+ mmusua no dea, nkuro no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
24 Afei Mose maa Gad asefoɔ nyaa wɔn asase, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 25 Wɔn hyeɛ firi Yaser+ ne Gilead+ nyinaa ne Ammonfoɔ+ asase no fã kɔsi Aroer+ a ɛda Raba+ anim. 26 Afei ɛfiri Hesbon+ kɔka Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir+ hyeɛ so. 27 Na asasetamaa no fam nso, ɛfa Bet-Haram+ ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon+ hene Sihon ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret+ po no ano nohoa wɔ Yordan apueeɛ fam. 28 Yei ne Gad asefoɔ mmusua no asase,+ nkuro no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
29 Afei Mose maa Manase abusuakuo fã no nyaa wɔn asase, na ɛbɛyɛɛ Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, ne Basan hene Og ahemman nyinaa,+ ne Yair+ nkuraa-nkuraa a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ aduosia. 31 Na Gilead asase no fã ne Astarot+ ne Edrei+ nkuro a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kɔdii Manase ba Makir+ mma nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
32 Yei ne asase a Mose de maa wɔn Moab serɛ so wɔ Yordan apueeɛ, Yeriko nkyɛn no.+
33 Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+