Yosua
12 Yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ dii wɔn so faa wɔn nsase wɔ Yordan agya apueeɛ fam,+ ɛfiri Arnon+ subɔn ho kɔsi Bepɔ Hermon+ ne Araba+ nyinaa wɔ apueeɛ fam no: 2 Amorifoɔ hene Sihon+ a na ɔte Hesbon+ no. Ɔdii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon+ subɔn ho ne subɔn no mfimfini ne Gilead asase no fã kɔsii Yabok+ subɔn ho wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so, 3 ne Araba+ kɔsii Kineret+ mpoano wɔ apueeɛ fam, ne po a ɛwɔ Araba anaa Nkyene Po+ no ano wɔ apueeɛ, Bet-Yesimot+ kwan so, de kɔɔ anafoɔ wɔ Pisga+ bepɔ ase.
4 Baako nso ne Basan hene Og.+ Ɔno ne Refaimni+ a na waka, na ɔtenaa Astarot+ ne Edrei.+ 5 Ɔdii hene wɔ Bepɔ Hermon+ so ne Saleka ne Basan+ nyinaa kɔsii Gesurfoɔ+ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so ne Gilead asase no fã kɔpem Hesbon+ hene Sihon+ asase so.
6 Yehowa akoa Mose ne Israelfoɔ no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no Yehowa akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ+ ne Gadfoɔ+ ne Manase abusuakuo fã+ no.
7 Ahemfo yi nso na Yosua ne Israelfoɔ no dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam, firi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon+ asasetamaa so kɔsi Bepɔ Halak+ a animu kyerɛ Seir+ no ho. Ɛno akyi na Yosua kyɛɛ asase no maa Israelfoɔ mmusua no sɛ wɔn kyɛfa,+ 8 mmepɔ so nsase ne Sefela ne Araba ne mmepɔ ase ne serɛ so ne Negeb.+ Ɛha na na Hitifoɔ ne Amorifoɔ+ ne Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+ no teɛ. Ahemfo yi nie:
9 Yeriko hene+ ne Ai+ a ɛbɛn Betel no hene;
10 Yerusalem hene+ ne Hebron hene;+
11 Yamut hene+ ne Lakis hene;+
12 Eglon hene+ ne Geser hene;+
14 Horma hene ne Arad hene;
15 Libna+ hene ne Adulam hene;
16 Makeda+ hene ne Betel+ hene;
18 Afek hene ne Lasaron hene;
19 Madon hene+ ne Hasor hene;+
20 Simron-Meron hene ne Aksaf hene;+
21 Taanak hene ne Megido+ hene;
22 Kedes hene ne Yokneam+ a ɛwɔ Karmel no hene;
23 Dor a ɛwɔ Dor bepɔ soɔ no hene,+ ne Goiim a ɛwɔ Gilgal no hene;
24 ne Tirsa hene.
Ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.+