Yosua
14 Wei ne agyapadeɛ a Israelfoɔ nyaa no wɔ Kaanan asaase so a ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanimfoɔ kyɛ maa wɔn.+ 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ agyapadeɛ no+ maa mmusuakuo nkron ne fã no,+ sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so ahyɛ no. 3 Ná Mose de mmusuakuo mmienu ne fã no agyapadeɛ ama wɔn dada wɔ Yordan agya.*+ Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ no bi wɔ wɔn mu.+ 4 Wɔfaa Yosef asefoɔ sɛ mmusuakuo mmienu,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifoɔ no, gye nkuro+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bɛdidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+ 5 Enti Israelfoɔ no kyekyɛɛ asaase no sɛdeɛ na Yehowa ahyɛ Mose no.
6 Afei Yuda mmarima baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim asɛm a Yehowa ka faa me ne wo ho+ kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea.+ 7 Berɛ a Yehowa akoa Mose somaa me firii Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asaase no,+ na madi mfeɛ 40, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim.*+ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tui;* nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa* dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+ 9 Saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asaase a wode wo nan sii so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ wode w’akoma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+ 10 Na sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no,+ wama matena ase+ mfeɛ 45 nie, ɛfiri berɛ a Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no, berɛ a na Israelfoɔ nam serɛ so no.+ Ɛnnɛ meda so te ase, na madi mfeɛ 85. 11 Ɛnnɛ meda so wɔ ahoɔden te sɛ da a Mose somaa me no. Ahoɔden a na mewɔ saa berɛ no, seesei saa ara na ɛteɛ; mɛtumi de akɔ ɛko asan de ayɛ nneɛma foforɔ. 12 Enti fa asaase a ɛwɔ bepɔ so a Yehowa hyɛɛ ho bɔ saa da no ma me. Ɛwom, saa da no wotee sɛ Anakfoɔ+ wɔ hɔ, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a wɔabɔ ho ban.+ Nanso menim sɛ Yehowa bɛka me ho,+ na mɛpamo wɔn* sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.”+
13 Enti Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapadeɛ.+ 14 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ, Hebron yɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa dii Israel Nyankopɔn Yehowa akyi.+ 15 Kane no, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anakfoɔ mu katakyie). Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+