Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora+ mma dwom. Maskil.
44 O Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate,
Yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn,+
Nnwuma a woyɛɛ no wɔn berɛ so,+
Tete mmerɛ no mu no.+
2 Wo na wode wo nsa pamoo amanaman,+
Na wɔn deɛ, wode wɔn duaa hɔ.+
Wobubuu amanaman, na wopamoo wɔn.+
3 Ɛnyɛ wɔn ara wɔn nkrantɛ na wɔde nyaa asase no,+
Na ɛnyɛ wɔn ara wɔn basa na ɛgyee wɔn,+
Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,
Ɛfiri sɛ na wopɛ wɔn asɛm.+
4 Wo, Onyankopɔn, wone me Hene.+
Hyɛ ma Yakob nnya nkwagyeɛ kɛseɛ.+
5 Wo so na yɛnam sum yɛn atamfo guo;+
Wo din mu na yɛnam tiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.+
6 Mamfa me ho anto m’agyan so,+
Na ɛnyɛ me nkrantɛ na ɛgyee me.+
7 Wo na wogyee yɛn firii yɛn atamfo nsam,+
Na wɔn a wɔkyiri yɛn kɔkɔkɔkɔ no, womaa wɔn ani wuiɛ.+
8 Onyankopɔn na yɛbɛyi no ayɛ daa nyinaa,+
Na yɛbɛkamfo wo din daa daa.+ Sela.
9 Nanso afei deɛ, woato yɛn atwene na woma yɛn anim gu ase daa,+
Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ.+
10 Woma yɛdane yɛn akyi kyerɛ yɛn atamfo,+
Na wɔn a wɔkyiri yɛn kɔkɔkɔkɔ no fom yɛn fa.+
11 Wode yɛn maa sɛ nnwan, woyɛɛ yɛn sɛ aduane,+
Na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.+
12 Woatɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo,+
Na woamfa wɔn annye aboɔden annya mfasoɔ.
13 Wode yɛn ayɛ ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete bɛn yɛn no;+
Yɛayɛ ɛfɛdie ne asereseredeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+
14 Wode yɛn ayɛ aman akasabebuo,+
Woma aman wosowoso wɔn ti wɔ yɛn ho.+
15 M’animguaseɛ wɔ m’anim daa nyinaa,
Na m’anim aniwuo akata me ho,+
16 Deɛ ɔbɔ me ahohora ne deɛ ɔka me ho asɛmmɔne no nne nti,
Ɔtamfo ne deɛ ɔtɔ werɛ nti.+
17 Yeinom nyinaa baa yɛn so, nanso yɛn werɛ amfiri wo,+
Na yɛammu w’apam so.+
18 Yɛn akoma annyae w’akyiridie,+
Na yɛn anammɔn nso amfiri wo kwan so.+
19 Nanso woabubu yɛn pasaa wɔ sakraman tenabea,+
Na wode sum kabii akata yɛn so.+
20 Sɛ yɛn werɛ afiri yɛn Nyankopɔn din,
Anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam abɔ onyame foforɔ bi mpaeɛ a,+
21 Anka Onyankopɔn renhwehwɛ mu anaa?+
Ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.+
22 Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa;
Na wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.+
23 Sɔre ɛ. Adɛn nti na woada, O Yehowa?+
Nyane, na nto yɛn ntwene afebɔɔ.+
24 Adɛn nti na woyi w’ani hunta?
Adɛn nti na wo werɛ firi yɛn amanehunu ne yɛn nhyɛsoɔ?+
25 Yɛn kra abrɛ ase kɔ mfuturo mu;+
Yɛn yafunu butu fam.
26 Sɔre boa yɛn ɛ,+
Na gye yɛn, w’adɔeɛ nti.+