Exodus 12:51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 Na da no ara Yehowa yii Israelfoɔ ne wɔn asafo+ firii Egypt asase so. Dwom 77:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Woadi wo man anim sɛ nnwankuo,+Wonam Mose ne Aaron nsa so.+ Yesaia 63:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose berɛ so: “Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu+ no wɔ he? Na deɛ ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+ Mika 6:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Hwɛ, me na meyii mo firii Egypt asase so+ gyee mo firii nkoafie,+ na memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.+
11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose berɛ so: “Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu+ no wɔ he? Na deɛ ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+
4 Hwɛ, me na meyii mo firii Egypt asase so+ gyee mo firii nkoafie,+ na memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.+