Exodus
12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Egypt asase so sɛ: 2 “Bosome yi bɛyɛ abosome no nyinaa mfitiaseɛ. Ɛbɛyɛ afe no mu bosome a ɛdi kan ama mo.+ 3 Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Bosome yi da a ɛtɔ so du no, abusua biara mpɛ odwan baako mma ne fie; kyerɛ sɛ efie biara, odwan+ baako. 4 Na sɛ efie no mufoɔ sua sɛ wɔn nko ara bɛwe odwan baako a, ɔne ne fipamfoɔ nkyɛ no ne fie, sɛdeɛ akra a wɔwɔ hɔ dodoɔ teɛ. Mommu wɔn dodoɔ ano nkyɛ odwan no mma no nso obiara so. 5 Momfa onini a wadi afe+ a ɔte apɔ,+ odwan anaa abirekyie. 6 Momfa aboa no nsie nkɔsi bosome yi da a ɛtɔ so dunan,+ na Israel asafo mũ no nyinaa nku no anwummerɛ.+ 7 Na efie biara a wɔbɛwe no mu no, wɔmfa mogya no bi nyɛ aponnwa mmienu no ho ne ɛpono no atifi.+
8 “‘Wɔnwe nam no anadwo no ara. Wɔmfa egya ntoto na wɔmfa nka paanoo a mmɔreka nnim+ ne ɛfan nwononwono+ ho nni.+ 9 Monnwe no amono na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa egya ntoto, ne ti ne ne nnyawa ne n’ayamdeɛ nyinaa. 10 Na monnnya bi mmma adeɛ nnkye so, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, momfa egya nhye.+ 11 Saa kwan yi so na monnie: Momfa adeɛ mmɔ mo asene+ na monhyɛ mpaboa+ na momfa poma nkura; na monni no hare so. Ɛyɛ Yehowa twam.+ 12 Mɛba abɛtwam Egypt asase so anadwo+ yi akunkum Egypt mmakan nyinaa, ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Na mɛbu Egypt anyame nyinaa atɛn.+ Mene Yehowa.+ 13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ mo sɛnkyerɛnne, na sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ.+ Enti sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asase so a, morenhunu amane biara.
14 “‘Monkae saa da yi na monni no sɛ Yehowa afahyɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Monhyɛ fã no na ɛnyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Monni paanoo a mmɔreka nnim nnanson. Na da a ɛdi kan no ara monyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔreka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson+ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔte saa afiri Israel.+ 16 Da a ɛdi kan no monyɛ nhyiamu kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monyɛ nhyiamu kronkron.+ Monnyɛ adwuma saa berɛ no;+ aduane a ɔkra biara bɛdie nko ara na mobɛtumi ayɛ.+
17 “‘Na monhyɛ paanoo a mmɔreka nnim no ho fã,+ ɛfiri sɛ saa da yi na mɛyi mo asafodɔm afiri Egypt asase soɔ. Monkae saa da yi, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na ɛnyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 18 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ kɔsi da a ɛtɔ so aduonu baako anwummerɛ no, monni paanoo a mmɔreka nnim.+ 19 Na ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka biara wɔ mo afie mu nnanson, ɛfiri sɛ obiara a ɔde mmɔreka bɛka n’ano no, ɔhɔhoɔ oo, Israelni oo,+ wɔbɛtwa ɔkra a ɔte saa afiri Israel asafo mu.+ 20 Monnni mmɔreka biara. Baabi a moteɛ biara monni paanoo a mmɔreka nnim.’”
21 Afei Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyi nnwan, sɛdeɛ obiara abusua teɛ, na monkum twam aboa+ no. 22 Na momfa sommɛ+ mmɔ mogya a ɛwɔ ɛsɛn mu no mu na momfa nsra aponnwa mmienu no ho ne n’atifi; na obiara mmfiri ne fie mmpue kɔsi anɔpa. 23 Na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfoɔ no na ɔhunu mogya a ɛwɔ aponnwa mmienu no ho ne n’atifi a, Yehowa bɛtwam afa ɛpono no ho na ɔremma ɔsɛeɛ biara mma mo fie.+
24 “Na momma yei nyɛ ahyɛdeɛ+ a mo ne mo mma bɛdi so daa.+ 25 Afei sɛ moduru asase a Yehowa de bɛma mo no so sɛdeɛ waka no a, monkɔ so nyɛ saa amanneɛ yi mfa nsom no.+ 26 Na sɛ da bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Amanneɛ yi kyerɛ sɛn?’+ a, 27 monka sɛ, ‘Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma Yehowa,+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔrekunkum Egyptfoɔ no, ɔtwaam faa Israelfoɔ afie ho wɔ Egypt, na ɔyii yɛn afie firii mu.’”
Afei nnipa no bɔɔ wɔn mu ase sɔreeɛ.+ 28 Na Israelfoɔ no kɔyɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose ne Aaron no nyinaa.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
29 Na anadwo dasuom no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte n’adwa soɔ no abakan so kɔsi dommum a ɔda afiase abakan so. Ɔkum aboa biara abakan nso.+ 30 Afei Farao ne ne nhenkwaa ne Egyptfoɔ a wɔaka nyinaa sɔree anadwo; na esũ kɛseɛ baa Egypt baabiara,+ ɛfiri sɛ efie baako mpo nni hɔ a obi anwu wɔ mu. 31 Enti saa anadwo no ara ɔfrɛɛ+ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa mfiri me man mu na monkɔsom Yehowa, sɛdeɛ moaka no.+ 32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie nyinaa nkɔ, sɛdeɛ moaka no.+ Na ɛyɛ a, monhyira me nso.”
33 Afei Egyptfoɔ no gyinaa wɔn so sɛ wɔnyɛ ntɛm+ mfiri ɔman no mu, na wɔkaa sɛ, “Anyɛ saa a, ɛnneɛ yɛn nyinaa awuwu awie!”+ 34 Enti nkurɔfoɔ no faa wɔn mmɔre a emu nnya nkaeɛ, na wɔde ntoma kyekyeree deɛ wɔfete mmɔre wom no de sisii wɔn kɔn ho. 35 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na wɔbisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika ayɛ ne ntoma firii Egyptfoɔ no hɔ.+ 36 Yehowa maa nkurɔfoɔ no anim baa nyam wɔ Egyptfoɔ anim,+ enti biribiara a wɔbisaeɛ no, wɔde maa wɔn,+ na wɔwerɛɛ Egyptfoɔ ho.+
37 Afei Israelfoɔ no firii Ramese+ de wɔn ani kyerɛɛ Sukot.+ Ná wɔyɛ mmarima a wɔnam fam bɛyɛ mpem ahansia; wɔankan mmɔfra anka ho.+ 38 Na firamanfiramanfoɔ+ bebree nso ne wɔn kɔeɛ, na na nnwan ne anantwie ne mmoa ahodoɔ pii nso ka wɔn ho. 39 Na wɔde esiam a wɔafete a wɔde firi Egypt baeɛ no tõõ paanoo a mmɔreka nnim, ɛfiri sɛ wɔpamoo wɔn firii Egypt, enti wɔannya berɛ ansiesie biribi a wɔbɛdi no kwan soɔ.+
40 Mfeɛ dodoɔ a Israelfoɔ de tenaa aseɛ+—wɔn a wɔtenaa Egypt no+—si ahanan aduasa.+ 41 Na mfeɛ ahanan aduasa soo pɛpɛɛpɛ no, da no ara na Yehowa asafodɔm no firii Egypt asase so kɔeɛ.+ 42 Na ɛyɛ anadwo a wɔbɛkae ahyɛ Yehowa animuonyam sɛ wayi wɔn afiri Egypt asase soɔ. Na Israelfoɔ no bɛkae saa anadwo yi de ahyɛ Yehowa animuonyam, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
43 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Twam no ho ahyɛdeɛ nie:+ Ɔhɔhoɔ biara nnni bi.+ 44 Nanso sɛ akoa a wɔde sika atɔ no wɔ hɔ a, montwa no twetia+ ansa na wadi bi. 45 Otubrafoɔ ne ɔpaani nnni bi. 46 Monni no fie baako mu. Mommfa nam no bi mmfiri fie hɔ nnkɔ abɔnten baabiara. Na mommmu ne dompe biara mu.+ 47 Israel asafo nyinaa nhyɛ saa fã yi.+ 48 Na sɛ ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu pɛ sɛ ɔdi twam no bi de hyɛ Yehowa animuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie ntwa twetia+ ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebɛdi bi. Ma no nyɛ sɛ kuromanni. Nanso obiara a ɔntwaa twetia nnni bi. 49 Mmara korɔ no ara na ɛwɔ hɔ ma kuromanni ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu.”+
50 Enti Israelfoɔ nyinaa yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose ne Aaron no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+ 51 Na da no ara Yehowa yii Israelfoɔ ne wɔn asafo+ firii Egypt asase so.