Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 22:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 deɛ ɛbɛyɛ na ayɛ nhyira+ ama mo no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini anaa odwennini anaa ɔpapo a ɔte apɔ.+

  • Deuteronomium 17:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 “Mfa nantwie anaa odwan a ɛdɛm wɔ ne ho anaa adebɔne biara mmɔ afɔdeɛ mma Yehowa wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.+

  • Malaki 1:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 “Nnome nka ɔdaadaafoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔ wɔ ne nnwankuo mu, nanso ɔhyɛ bɔ a, ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma Yehowa.+ Meyɛ Ɔhenkɛseɛ,+ na mɛma me din ayɛ hu wɔ amanaman mu,”+ Asafo Yehowa na aka.

  • Hebrifoɔ 7:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Na ɔsɔfo panin a ɔte saa no fata yɛn,+ ɔdi nokorɛ,+ bɔne nni ne mu,+ efĩ nni ne ho,+ ɔmfra abɔnefoɔ mu,+ na wɔama no so asene ɔsoro.+

  • Hebrifoɔ 9:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho a ɛnni dɛm bɔɔ afɔdeɛ+ maa Onyankopɔn no mogya+ rente yɛn ahonim ho+ mfiri nnwuma funu+ ho mma yɛnsom+ Onyankopɔn teasefoɔ no?

  • 1 Petro 1:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Mmom no ɛnam mogya a ɛsom boɔ so,+ te sɛ adwammaa a dɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho,+ Kristo+ no ara deɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane