3 Na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monkae da a wɔyii mo firii Egypt+ nkoafie no, ɛfiri sɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii mo firii ha.+ Enti monnni biribiara a mmɔreka wom.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a emu aka nka ho.+ Fa paanoo a mmɔreka nnim, anaa ahoyera paanoo, ka ho di, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asase so baeɛ.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wofirii Egypt no.+
8 Enti mommma yɛmmfa mmɔreka+ dada anaa bɔneyɛ ne amumuyɔ+ mmɔreka+ nnhyɛ fa+ no, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔreka nnim a ɛno ne adwenemteɛ ne nokorɛdie+ nhyɛ.