42 Na ɛyɛ anadwo a wɔbɛkae ahyɛ Yehowa animuonyam sɛ wayi wɔn afiri Egypt asase soɔ. Na Israelfoɔ no bɛkae saa anadwo yi de ahyɛ Yehowa animuonyam, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a emu aka nka ho.+ Fa paanoo a mmɔreka nnim, anaa ahoyera paanoo, ka ho di, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asase so baeɛ.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wofirii Egypt no.+