12 Na ɔbarima biara a ɔwɔ wo fie a wadi nnawɔtwe ne awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛdi akyire aba nyinaa ntwa twetia,+ obiara a wɔawo no wo fie ne obiara a wode sika atɔ no afiri ɔhɔhoɔ hɔ a ɔnyɛ w’aseni.
23 Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn ne fie nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, na ɔtwaa wɔn twetia saa da no sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+