14 “Monsan mmra, O mma akobɔfoɔ,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mene mo kunu,+ na mɛfa mo, kuro biara mu onipa baako ne abusua biara mu nnipa mmienu, na mede mo aba Sion.+
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+
3 “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’+ asafo Yehowa asɛm nie, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na aka.”’