Yesaia 55:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+ Hosea 14:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “O Israel, san bra Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn,+ ɛfiri sɛ wo bɔne ama woawatiri.+ Yoel 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu mfa mmuadadie+ ne esũ ne agyaadwoɔtwa+ nsan mmra me nkyɛn.+ Asomafoɔ Nnwuma 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne,+ na ahosan mmerɛ+ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba
7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+
12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu mfa mmuadadie+ ne esũ ne agyaadwoɔtwa+ nsan mmra me nkyɛn.+
19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne,+ na ahosan mmerɛ+ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba