3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn+ a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn+ ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+
6 Na ammirikatufoɔ+ no de nkrataa a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ+ nsam no kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no, sɛ: “Israelfoɔ, monsan+ mmra Yehowa, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn+ nkyɛn, na ɔno nso nsan mmra wɔn a wɔafiri Asiria ahemfo+ nsam aka+ ama mo no nkyɛn.
13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+