1 Samuel
7 Enti Kiriat-Yearimfoɔ+ no ba bɛfaa Yehowa adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie,+ kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasar ho sɛ ɔnhwɛ Yehowa adaka no so.
2 Ɛbaa sɛ ɛfiri da a Adaka no baa Kiriat-Yearim no, ɛkyɛree hɔ; ɛdii mfeɛ aduonu wɔ hɔ, na Israel fie nyinaa dii awerɛhoɔ hwehwɛɛ Yehowa akyiri kwan.+ 3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn+ a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn+ ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+ 4 Na Israelfoɔ no yiyii Baal anyame+ no ne Astoret+ ahoni no firii wɔn mu, na wɔsom Yehowa nko ara.
5 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Mommoaboa Israel+ nyinaa ano mmɛhyia Mispa,+ na memmɔ Yehowa mpaeɛ+ mma mo.” 6 Enti wɔboaboaa wɔn ho ano bɛhyiaa Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu fam Yehowa anim, na wɔdii abuada saa da no.+ Na wɔkaa no hɔ sɛ: “Yɛayɛ Yehowa bɔne.”+ Ná Samuel bu Israelfoɔ atɛn+ wɔ Mispa.
7 Filistifoɔ no tee sɛ Israelfoɔ aboaboa wɔn ano wɔ Mispa, na Filistifoɔ ahemfo+ no tu baa Israel so. Berɛ a Israelfoɔ no teeɛ no, Filistifoɔ no nti wɔsuroeɛ.+ 8 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nnyae sɛ wobɛsu afrɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no ama yɛn,+ na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” 9 Na Samuel faa adwammaa a ɔnom nufoɔ na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mũ+ maa Yehowa, na Samuel su frɛɛ Yehowa maa Israel,+ na Yehowa gyee ne so.+ 10 Ɛbaa sɛ Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe bɛnee sɛ wɔne Israel rebɛko. Na Yehowa maa aprannaa boboom dendeenden+ guu Filistifoɔ no so saa da no de maa wɔn adwene tu fraeɛ,+ na wɔdii nkoguo Israel anim.+ 11 Ɛnna Israel mmarima firii adi firi Mispa kɔtĩĩ Filistifoɔ no, na wɔkunkum wɔn ara kɔsii Bet-Kar anafoɔ. 12 Na Samuel faa boɔ,+ na ɔde sii Mispa ne Yesana ntam, na ɔtoo ne din Ebeneser.* Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa aboa yɛn abɛsi sɛsɛɛ.”+ 13 Saa na ɛyɛeɛ a wɔdii Filistifoɔ so nkonim, na wɔamma Israel asase so bio,+ na Samuel nna nyinaa, Yehowa nsa ko tiaa Filistifoɔ no.+ 14 Na nkuro a Filistifoɔ gye firii Israel nsam no, ɛsan bɛdii Israel nsam nkakrankakra, ɛfiri Ekron kɔsi Gat; ɛho nsase nso, Israel gye firii Filistifoɔ nsam.
Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.+
15 Samuel buu Israel atɛn ne nkwa nna nyinaa.+ 16 Na ɔtutuu akwan afe afe kɔɔ Betel+ ne Gilgal+ ne Mispa+ hyiaeɛ, na ɔbuu Israel atɛn+ wɔ mmeammea yi nyinaa. 17 Nanso na ɔsan ba Rama+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɛhɔ na ɔbuu Israel atɛn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa.+