20Enti Israelfoɔ nyinaa firii adi,+ na asafo no boaboaa wɔn ano te sɛ onipa baako,+ ɛfiri Dan+ kɔsi Beer-Seba+ ne Gilead+ asase so, na wɔkɔɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+
22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda+ nyinaa ano a wannya obiara, na wɔkɔsesaa aboɔ ne nnua a na Baasa de rekyekyere Rama no, na ɔde kɔkyekyeree Geba+ wɔ Benyamin ne afei Mispa.+
23 Berɛ a asahene+ no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene ayi Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa;+ Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, ne wɔn mmarima na wɔbaeɛ.