1 Samuel
8 Na ɛbaa sɛ Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so+ atemmufoɔ. 2 N’abakan din de Yoel,+ na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Abia;+ wɔbuu atɛn wɔ Beer-Seba. 3 Ne mma amfa n’akwan so;+ wɔdii mfasobɔne+ akyi, wɔgyee adanmudeɛ,+ na wɔdanee atemmuo ani.+
4 Na Israel mpanimfoɔ+ nyinaa boaa wɔn ho ano baa Samuel nkyɛn wɔ Rama. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo deɛ, woabɔ akora, na wo mma nso amfa w’akwan so. Enti si yɛn so hene+ na ɔmmu yɛn atɛn sɛ aman a aka no nyinaa.” 6 Na ɛyɛɛ Samuel ani so bɔne sɛ wɔkaa sɛ: “Ma yɛn ɔhene na ɔmmu yɛn atɛn” no, na Samuel bɔɔ Yehowa mpaeɛ.+ 7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel+ sɛ: “Deɛ ɔman no aka nyinaa, tie wɔn+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ; me mmom na wɔapo me sɛ mennni wɔn so hene.+ 8 Ɛfiri da a mede wɔn firi Egypt baeɛ+ bɛsi nnɛ, deɛ wɔayɛ de apo me+ akɔsom anyame foforɔ+ no nyinaa, saa ara na wɔde reyɛ woɔ yi. 9 Enti tie wɔn. Yei nko na yɛ; bɔ wɔn kɔkɔ, na ka ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ+ no kyɛfa kyerɛ wɔn.”
10 Na Samuel kaa Yehowa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman a wɔabisa no ɔhene no. 11 Na ɔkaa sɛ: “Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no kyɛfa:+ Ɔbɛfa mo mma mmarima,+ na ɔde wɔn akɔ ne nteaseɛnam+ ne n’apɔnkɔsotefoɔ+ mu, na ebinom bɛtu mmirika adi ne nteaseɛnam anim;+ 12 ɔde wɔn bɛyɛ apem apem so ahwɛfoɔ+ ne aduonum aduonum so ahwɛfoɔ,+ na ebinom bɛfuntum n’asase+ na wɔatwa ne nnɔbaeɛ,+ na wɔn na wɔbɛyeyɛ n’akodeɛ+ ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+ 13 Ɔde mo mma mmaa bɛyɛ sradehwam afrafoɔ ne aduannoafoɔ ne paanootofoɔ.+ 14 Mo mfuo ne mo bobe nturo+ ne mo ngodua nturo+ mu deɛ ɛyɛ no, ɔbɛfa na ɔde ama ne nkoa. 15 Na ɔbɛgye mo mfuo mu aba ne mo bobeturo mu aba so ntotosoɔ du du+ ama n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne ne nkoa. 16 Ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmoa mu deɛ ɛyɛ, ne mo mfunumu de wɔn ayɛ n’adwuma.+ 17 Ɔbɛgye mo nnwan+ so ntotosoɔ du du, na mobɛyɛ ne nkoa. 18 Na ɛda no, mo hene a moayi no no nti, mobɛsu,+ nanso Yehowa rennye mo so saa da no.”+
19 Nanso ɔman no antie Samuel,+ na wɔkaa sɛ: “Dabi, ɔhene ara na ɔbɛdi yɛn soɔ. 20 Yɛn nso yɛbɛyɛ sɛ aman a aka no nyinaa,+ na yɛn hene bɛbu yɛn atɛn na wadi yɛn anim ako yɛn ko ama yɛn.” 21 Na Samuel tiee ɔman no nsɛm no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ Yehowa.+ 22 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Tie wɔn na si ɔhene ma no nni wɔn so.”+ Na Samuel ka kyerɛɛ Israel mmarima no sɛ: “Obiara nkɔ ne kuro mu.”