19 Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn+ a ɔgyee mo firii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, na moaka sɛ: “Dabi, ɔhene ara na si no yɛn soɔ.” Enti afei monnyinagyina Yehowa anim sɛdeɛ mo mmusuakuo+ ne mo apem apem teɛ.’”
12 Berɛ a mohunuu sɛ Ammonfoɔ hene Nahas+ aba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, ɔhene ara na ɔbɛdi yɛn soɔ!’+ nso saa berɛ no nyinaa na Yehowa, mo Nyankopɔn na ɔyɛ mo Hene.+