Deuteronomium 24:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “Sɛ ɔhɔhoɔ+ anaa agyanka+ de asɛm ba w’anim a, nnane atemmuo ani, na nnye kunafoɔ ntoma awowa.+ Hiob 34:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ampa ara, Onyankopɔn deɛ, ɔnyɛ bɔne,+Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no, ɔnkyea atemmuo.+ Mmebusɛm 31:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 na wannom amma ne werɛ amfiri deɛ wɔahyɛ ato hɔ, na wankyea mmɔborɔni biara atemmuo.+ Yeremia 22:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 ‘Wo deɛ, w’ani ne w’akoma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wobɛhwie aguo,+ ne nsisie ne apoobɔ.’
17 ‘Wo deɛ, w’ani ne w’akoma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wobɛhwie aguo,+ ne nsisie ne apoobɔ.’