Mmebusɛm
31 Ɔhene Lemuel nsɛm, nsɛm a emu yɛ duro+ a ne maame de yɛɛ kasakyerɛ maa no:+
2 O me ba, ɛdeɛn na menka, me yafumma,+ menka sɛn, ɛdeɛn koraa na menka, me bɔhyɛ ba?+
3 Mfa w’ahoɔden mma mmaa,+ na mfa w’akwan mma deɛ ɛma ahemfo hwe aseɛ.+
4 O Lemuel, ɛmfata ahemfo, ɛmfata ahemfo sɛ wɔbɛnom nsã, na ɛmfata adehyeɛ sɛ wɔbɛka sɛ: “Mmosã wɔ he?”+ 5 na wannom amma ne werɛ amfiri deɛ wɔahyɛ ato hɔ, na wankyea mmɔborɔni biara atemmuo.+ 6 Momfa mmosã mma wɔn a wɔreyɛ awuo,+ ne nsã mma wɔn a wɔn kra abotoɔ.+ 7 Ma no nnom na ne werɛ mfiri ne hia na wankae ne haw bio.
8 Bue w’ano ma deɛ ɔntumi nkasa,+ ne wɔn a wɔreyɛ awuo.+ 9 Bue w’ano, bu atɛntenenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+
א [ʼAʹleph]
10 Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?+ Ne boɔ yɛ den sene nhwene pa koraa.
ב [Behth]
11 Ne kunu wɔ ne mu awerɛhyem, na biribiara mmɔ ne kunu.+
ג [Giʹmel]
12 Ɔde papa atua ne kunu ka ne nkwa nna nyinaa, na ɛnyɛ bɔne.+
ד [Daʹleth]
13 Ɔhwehwɛ ntoma pa ne nwera, na ɔde ne nsa yɛ adwuma anigyeɛ so.+
ה [Heʼ]
14 Ɔte sɛ odwadini ahyɛn.+ Ɔde n’aduane firi akyirikyiri ba.
ו [Waw]
15 Adeɛ nnya nkyeeɛ koraa no,+ na wasɔre, na wama ne fiefoɔ aduane de ne mmaawa kyɛfa ama wɔn.+
ז [Zaʹyin]
16 Ɔdwene asase bi ho, na ne nsa ka;+ ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.+
ח [Chehth]
17 Ɔde ahoɔden bɔ n’asene, na ɔhyɛ n’abasa mu den.+
ט [Tehth]
18 Ɔhunu sɛ n’adwadie kɔ yie; ne kanea nnum anadwo.+
י [Yohdh]
19 Ɔde ne nsa sɔ asaawa donno mu, na ɔde ne nsa sɔ akurokurowa mu.+
כ [Kaph]
20 Ɔbue ne nsam ma mmɔborɔni, na ɔtrɛ ne nsam ma ohiani.+
ל [Laʹmedh]
21 Ɔnsuro sɛ awɔ bɛde ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ ne fiefoɔ nyinaa hyehyɛ ntadeɛ a emu yɛ duro.+
מ [Mem]
22 Ɔnwene mmommo+ fa. Ne ntoma yɛ nwera ne tankɔkɔɔ.+
נ [Nun]
23 Wɔnim ne kunu+ wɔ kuro apono ano,+ berɛ a ɔtena asase no so mpanimfoɔ mu no.
ס [Saʹmekh]
24 Ɔpam ntadeɛ+ tɔn, na ɔde abɔsoɔ ma adwadifoɔ.
ע [ʽAʹyin]
25 Ahoɔden ne animuonyam yɛ n’atadeɛ,+ na ɔsere ne daakye nna mu.+
פ [Peʼ]
26 Ɔbue n’ano nyansam,+ na adɔeɛ mmara wɔ ne kɛtrɛma so.+
צ [Tsa·dhehʹ]
27 Ɔhwɛ ne fiefoɔ nkorɔeɛ ne wɔn mmaeɛ, na ɔnni aniha aduane.+
ק [Qohph]
28 Ne mma sɔre gyina, na wɔfrɛ no anigyeɛ;+ ne kunu* sɔre gyina, na ɔyi no ayɛ.+
ר [Rehsh]
29 Mmaa+ pii bɔ mmɔden, na wo deɛ, wokyɛn wɔn nyinaa.+
ש [Shin]
30 Osoowa yɛ nnaadaa+ na ahoɔfɛ yɛ ahuhudeɛ;+ ɔbaa a ɔsuro Yehowa na wɔyi no ayɛ.+
ת [Taw]
31 Momma no ne nsa ano aba,+ na ne nnwuma nyi no ayɛ kuro apono ano.+