17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu.+ Montie deɛ ɔsua sɛdeɛ motie deɛ ɔsõ no ara.+ Monnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na ɔbu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, momfa mmrɛ me na menni.’+
4 Na ɔde atɛntenenee bɛbu ahiafoɔ atɛn+ na ɔde tenenee ayi asase so ahobrɛasefoɔ ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefoɔ.+
11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie.+ Na wɔfrɛ deɛ ɔte ne soɔ no Ɔnokwafoɔ+ a wɔwɔ Ne mu ahotɔsoɔ,+ na ɔbu atɛn, tu sa tenenee mu.+