Yesaia 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔde atɛntenenee bɛbu ahiafoɔ atɛn+ na ɔde tenenee ayi asase so ahobrɛasefoɔ ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefoɔ.+ Hebrifoɔ 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+ Hebrifoɔ 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”
4 Na ɔde atɛntenenee bɛbu ahiafoɔ atɛn+ na ɔde tenenee ayi asase so ahobrɛasefoɔ ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefoɔ.+
9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”