1 Berɛsosɛm 18:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ ɔbuu atɛn na ɔdii asɛntenenee maa ne man nyinaa daa.+ Mmebusɛm 29:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔhene de atɛntenenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ɔgyegye adanmudeɛ dwiri gu.+ Mmebusɛm 29:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Sɛ ɔhene bu abrɛfoɔ atɛn nokorɛ mu+ a, n’ahennwa bɛtim daa.+