1 Berɛsosɛm
18 Akyire yi, ɛbaa sɛ Dawid kaa Filistifoɔ+ no guiɛ, dii wɔn so nkonim, na ɔgyee Gat+ ne ɛho nkuro firii Filistifoɔ no nsam. 2 Na ɔkaa Moab+ nso guiɛ, na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+
3 Na Dawid kum Soba+ hene Hadadeser+ wɔ Hamat+ berɛ a na ɔrekɔkyere nsraban wɔ asubɔnten Eufrate+ ho no. 4 Bio nso Dawid ko gyee nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ firii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ɔgyaa nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha. 5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene+ Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima mpem aduonu mmienu. 6 Ɛno akyi no, Dawid de asraafoɔdɔm kɔguu Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko+ no asase so, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+ 7 Afei nso Dawid sesaa sika kɔkɔɔ akyɛm+ a na ɛkurakura wɔn a wɔhyɛ Hadadeser ase no, na ɔde baa Yerusalem.+ 8 Na Dawid faa kɔbere bebree pa firii Hadadeser nkuro Tibhat+ ne Kun mu de kɔeɛ. Ɛno na Solomon de yɛɛ kɔbere po*+ no ne adum+ no ne kɔbere anwenneɛ+ no.
9 Berɛ a Hamat hene+ Tou tee sɛ Dawid aka Soba hene Hadadeser+ asraafoɔdɔm no nyinaa aguo no, 10 ntɛm ara na ɔsomaa ne ba Hadoram+ kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn kɔkyeaa no, na ɔmaa no amo sɛ ɔne Hadadeser ako aka no aguo, (deɛ ɛwɔ mu ne sɛ, na Hadadeser taa ne Tou di ako), na ɔde sika ne dwetɛ+ ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no. 11 Dawid hyiraa+ yeinom nyinaa so maa Yehowa, sɛdeɛ ɔhyiraa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman+ no nyinaa nkyɛn soɔ no, deɛ ɔgye firii Edom ne Moab+ ne Ammon+ asefoɔ ne Filistifoɔ+ ne Amalekfoɔ+ nsam no.
12 Seruia+ ba Abisai+ nso kaa Edomfoɔ mpem dunwɔtwe guiɛ wɔ Nkyene Bɔn+ no mu. 13 Enti ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Edom, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔeɛ.+ 14 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ ɔbuu atɛn na ɔdii asɛntenenee maa ne man nyinaa daa.+ 15 Ná Seruia ba Yoab na ɔda asraafoɔ no ano,+ na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 16 Ná Ahitab ba Sadok+ ne Abiatar ba Ahimelek+ na wɔyɛ asɔfoɔ, na Sawsa+ nso ne ɔtwerɛfoɔ. 17 Ná Yehoiada+ ba Benaia+ na ɔda Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ no ano; Dawid mma no na na wɔwɔ tumi paa wɔ ɔhene anim.+