1 Berɛsosɛm
19 Akyire yi, ɛbaa sɛ Ammonfoɔ hene Nahas+ wuiɛ, na ne ba bɛdii n’adeɛ.+ 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ,+ ɛfiri sɛ ne papa yɛɛ me adɔeɛ.”+ Enti Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔkyekyere ne werɛ, ne papa wuo no ho, na Dawid nkoa no kɔɔ Hanun nkyɛn, Ammonfoɔ+ asase so, sɛ wɔrekɔkyekyere ne werɛ. 3 Ɛnna Ammon mpanimfoɔ bisaa Hanun sɛ: “Wogye di sɛ Dawid pɛ sɛ ɔdi wo papa ni wɔ w’anim nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekyere wo werɛ yi? Wonnye nni sɛ ɔrebɛhwehwɛ+ w’asase so de apɛ kwan a ɔbɛfa so adane abutuo nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?”+ 4 Enti Hanun kyee Dawid nkoa+ no yii wɔn abɔdwesɛ,+ na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ so bɛsii wɔn to,+ na ɔmaa wɔkɔeɛ.+ 5 Ɛnna nkurɔfoɔ kɔkaa mmarima no asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛhɔ ara na ɔsoma kɔhyiaa wɔn ɛfiri sɛ na wɔagu wɔn anim ase pɔtɔɔ; na ɔhene kaa sɛ: “Montena Yeriko+ nkɔsi sɛ mo abɔdwesɛ bɛfu kuhaa ansa na moasan aba.”
6 Akyire yi, Ammonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn+ Dawid. Ɛno nti Hanun+ ne Ammonfoɔ no de dwetɛ dwetikɛseɛ apem+ kɔgyee nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefoɔ firii Mesopotamia ne Aram-Maaka+ ne Soba.+ 7 Enti wɔnyaa nteaseɛnam+ mpem aduasa mmienu, na Maaka hene ne ne nkurɔfoɔ bɛkaa wɔn ho.+ Ɛnna wɔbɛkyeree nsraban wɔ Medeba,+ na Ammonfoɔ no firi wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛko.
8 Dawid teeɛ no, ɛhɔ ara na ɔmaa Yoab+ ne nnɔmmarima no ne asraafoɔ+ nkaeɛ no nyinaa kɔɔ hɔ. 9 Na Ammonfoɔ kɔtwaa ɛko mpasua wɔ kurotia, na ahemfo+ a wɔbaeɛ no kɔgyinagyinaa petee mu.
10 Berɛ a Yoab hunuu sɛ dɔm no bi wɔ n’anim ne n’akyi nyinaa no, ntɛm ara na ɔyii Israel mmarima akantinka no bi kɔɔ mpasua so kɔhyiaa Siriafoɔ no.+ 11 Na ɔde dɔm a aka no maa ne nua Abisai+ sɛ wɔntwa ɛko mpasua nkɔhyia Ammonfoɔ+ no. 12 Na ɔkaa sɛ: “Sɛ Siriafoɔ+ no ahoɔden boro me so a, bra bɛgye me;+ na sɛ Ammonfoɔ nso ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abɛgye wo.+ 13 Yɛ den,+ na yɛmfa akokoɔduro nni mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro,+ na Yehowa deɛ, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ na ɔbɛyɛ.”+
14 Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kɔhyiaa Siriafoɔ no wɔ ko no mu,+ na wɔdwane+ firii n’anim. 15 Ammonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adwane, enti wɔn nso wɔdwane+ firii ne nua Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kuro no mu.+ Akyire yi, Yoab baa Yerusalem.
16 Berɛ a Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo+ wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Siriafoɔ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ+ no ho no ne Hadadeser sahene Sofak mmra.
17 Asɛm no duruu Dawid asom ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan kɔɔ wɔn so kɔtwaa wɔn so mpasua.+ Berɛ a Dawid kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Siriafoɔ no, wɔne no koeɛ. 18 Nanso Siriafoɔ no dwane+ firii Israel anim; na Dawid kunkum Siriafoɔ mpemnson a wɔtete nteaseɛnam mu ne mmarima a wɔnam fam mpem aduanan, na ɔsahene Sofak nso, ɔkum no.+ 19 Berɛ a wɔn a wɔyɛ Hadadeser nkoa no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no,+ ɛhɔ ara na wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no,+ na Siriafoɔ ammɔ wɔn ho mmusuo sɛ wɔbɛko agye Ammonfoɔ bio.+