Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
19 Akyire yi, Ammonfoɔ hene Nahas wuiɛ, na ne ba bɛdii n’adeɛ.+ 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ akyerɛ Nahas ba Hanun, ɛfiri sɛ ne papa daa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ me.” Enti Dawid somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wuo no ho. Nanso berɛ a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfoɔ+ asaase so sɛ wɔrekɔkyekye Hanun werɛ no, 3 Ammon mpanimfoɔ bisaa Hanun sɛ: “Wogye di sɛ Dawid pɛ sɛ ɔdi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wonnye nni sɛ ɔrepɛ kwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ?” 4 Enti Hanun kyee Dawid nkoa no yii wɔn abɔdwesɛ,+ na ɔtwitwaa wɔn ntaadeɛ so bɛsii wɔn to, na ɔmaa wɔkɔeɛ. 5 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔkaa deɛ ato mmarima no kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na ɔsoma kɔhyiaa wɔn ɛsiane animguaseɛ kɛseɛ a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkɔsi sɛ mo abɔdwesɛ bɛsan afu ansa na moasan aba.”
6 Akyire yi, Ammonfoɔ no huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo.* Ɛno nti Hanun ne Ammonfoɔ no de dwetɛ dwetikɛseɛ* 1,000 kɔgyee nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so firii Mesopotamia* ne Aram-Maaka ne Soba.+ 7 Nteaseɛnam a wɔkɔgyeeɛ no yɛ 32,000, na Maaka hene ne ne nkurɔfoɔ bɛkaa wɔn ho. Ɛnna wɔbɛsoɛɛ wɔ Medeba.+ Ammonfoɔ no firii wɔn nkuro mu kɔboaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛko.
8 Dawid teeɛ no, ɔmaa Yoab+ ne asraafoɔ no nyinaa ne mmarima a wɔnim ko paa+ no kɔhyiaa wɔn. 9 Na Ammon akofoɔ kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na ahemfo a wɔbaeɛ no kɔgyinagyinaa petee mu.
10 Berɛ a Yoab huu sɛ dɔm a wɔreba ne so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔyii Israel mmarima a wɔnim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kɔhyiaa Siriafoɔ no.+ 11 Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkɔhyia Ammonfoɔ no. 12 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ Siriafoɔ+ no ahoɔden boro me so a, bra bɛgye me, na sɛ Ammonfoɔ ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abɛgye wo. 13 Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoɔduro nko+ mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na Yehowa bɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so.”
14 Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kɔhyiaa Siriafoɔ no wɔ ɛko no mu, na wɔdwane firii n’anim.+ 15 Berɛ a Ammonfoɔ no huu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso dwane firii ne nua Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kuro no mu. Akyire yi, Yoab baa Yerusalem.
16 Berɛ a Siriafoɔ no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israelfoɔ anim no, wɔtuu abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Siriafoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no* ho+ mmra, na Hadadeser sahene Sofak dii wɔn anim de wɔn baeɛ.+
17 Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan sɛ wɔne wɔn rekɔko. Dawid de akofoɔ kɔhyiaa Siriafoɔ no, na wɔne no koe.+ 18 Nanso Siriafoɔ no dwane firii Israelfoɔ anim, na Dawid kunkum Siriafoɔ 7,000 a wɔtete nteaseɛnam mu ne asraafoɔ 40,000 a wɔnam fam, na ɔsahene Sofak nso, ɔkum no. 19 Berɛ a Hadadeser nkoa no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no,+ ɛhɔ ara na wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔbɛhyɛɛ n’ase,+ na Siriafoɔ anyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛko agye Ammonfoɔ bio.