Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
18 Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so nkonim brɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat+ ne ɛho nkuro firii Filistifoɔ no nsam.+ 2 Afei nso, ɔdii Moab so nkonim,+ na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+
3 Dawid dii Soba+ hene Hadadeser+ so nkonim wɔ beaeɛ a ɛbɛn Hamat.+ Saa berɛ no, na Hadadeser rekɔtrɛ ne tumi mu akɔ Asubɔnten Eufrate no ho.+ 4 Dawid ko faa ne nteaseɛnam 1,000, n’asraafoɔ 7,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafoɔ 20,000 a wɔnam fam.+ Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa srɛ akyi ntini maa no kaa apɔnkɔ no mu 100.+ 5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima 22,000.+ 6 Afei Dawid de asraafoɔdɔm kɔguu Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no asaase so, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no. Baabiara a Dawid kɔeɛ no, Yehowa maa no dii nkonim.*+ 7 Afei nso, Dawid gyee sika kɔkɔɔ akyɛm firii Hadadeser asomfoɔ hɔ, na ɔde baa Yerusalem. 8 Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun nso, Dawid faa kɔbere bebree firii hɔ kɔe. Ɛno na Solomon de yɛɛ kɔbere sɛn a wɔfrɛ no Ɛpo+ no, adum no, ne kɔbere nneɛma+ foforɔ no.
9 Berɛ a Hamat hene Tou* tee sɛ Dawid adi Soba+ hene Hadadeser+ asraafoɔdɔm no nyinaa so nkonim no, 10 ntɛm ara na ɔsomaa ne ba Hadoram kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn sɛ ɔnkɔbisa no sɛdeɛ ne ho teɛ, na ɔmma no amo sɛ ɔne Hadadeser ako adi ne so nkonim, na ɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no. (Deɛ ɛwom ne sɛ, na Hadadeser taa ne Tou di ako.) 11 Ɔhene Dawid hyiraa nneɛma yi nyinaa so maa Yehowa.+ Saa ara na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman no nyinaa nkyɛn nso, ɔhyiraa so. Ɔnya firii Edomfoɔ, Moabfoɔ, Ammonfoɔ,+ Filistifoɔ,+ ne Amalekfoɔ+ hɔ.
12 Seruia+ ba Abisai+ kunkum Edomfoɔ 18,000 wɔ Nkyene Bɔn no mu.+ 13 Ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Edom, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Baabiara a Dawid kɔeɛ no, Yehowa maa no dii nkonim.*+ 14 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ ɔbuu atɛn na ɔdii asɛntenenee maa ne man nyinaa.+ 15 Ná Seruia ba Yoab na ɔda asraafoɔ no ano,+ na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 16 Ahitab ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ, na na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ. 17 Ná Yehoiada ba Benaia na ɔda Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ no ano. Ɔhene Dawid nni hɔ nso a, ne mma no na na wɔwɔ tumi.